ASƐMMISA 20
Sɛ worekenkan Bible a, ɛdeɛn na ɛbɛma woanya so mfasoɔ kɛse?
SƐ WOREKENKAN BIBLE A, BISA WO HO NSƐM A ƐDIDI SOƆ YI:
Dɛn na nea merekenkan yi kyerɛ me wɔ Yehowa Nyankopɔn ho?
Asɛntitire a ɛwɔ Bible mu no, dɛn na ɛwɔ nea merekenkan yi mu a ɛfoa soɔ?
Mɛyɛ dɛn de emu nsɛm abɔ me bra?
Mɛyɛ dɛn de Bible mu asɛm yi aboa afoforɔ?
“W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.”