14 Afei wɔmfa nneɛma a wɔde som wɔ afɔrebukyia no so nyinaa ngu so. Nneɛma no ne, nkyɛnsee a wɔde egya gu mu, adinam, sofi, ne nkyɛnsee, kyerɛ sɛ, nneɛma a wɔde yɛ afɔrebukyia no so adwuma nyinaa.+ Wɔwie a, wɔmfa sukraman nwoma nkatasoɔ nkata so, na wɔmfa ɛho nnua a wɔde soa no+ nhyehyɛ deɛ ɛhyɛ.