14 na wɔbɛka ho asɛm akyerɛ nnipa a wɔte asaase yi so no. Wɔn nso ate sɛ wo Yehowa, wowɔ ɔman yi mu,+ na woayi wo ho adi akyerɛ wɔn animu ne animu.+ Wone Yehowa, na wo mununkum na ɛkata wɔn so. Na wodi wɔn anim awia wɔ mununkum dum mu, na anadwo nso, wodi wɔn anim wɔ egya dum mu.+