4 na sɛ ne papa te ne bɔhyɛ no ne ntam a ɔde akyekyere ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri nneɛma bi ho no, na ne papa anka hwee a, ɛnneɛ ababaawa no bɔhyɛ no nyinaa bɛgyina, na ntam biara a waka de akyekyere ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri nneɛma bi ho no nso bɛgyina.