-
Yosua 4:10Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
10 Asɔfoɔ a wɔso Adaka no kɔɔ so gyinaa Yordan mfimfini kɔsii sɛ wɔwiee deɛ Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no sɛ wɔnyɛ no nyinaa; wɔyɛɛ deɛ na Mose aka akyerɛ Yosua no nyinaa. Saa berɛ no nyinaa, na ɔman no retwa Yordan no ntɛmntɛm.
-