13 Afei Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: “Woadaadaa me abɛsi sɛsɛɛ, na wonkaa nokorɛ nkyerɛɛ me.+ Kyerɛ me adeɛ a wɔbɛtumi de akyekyere wo.” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wode ahoma a wɔde nwene ntoma nwene mmɛsa nson a ɛwɔ me tiri so no bom a, wɔbɛtumi akyekyere me.”