7 Enti ɔfaa anantwie mmienu, na ɔtwitwaa wɔn mu asinasini de hyɛɛ abɔfoɔ no nsa sɛ wɔmfa nkɔ Israel asaase so baabiara, na ɔkaa sɛ: “Obiara a wammɛdi Saul ne Samuel akyi no, sei na wɔde bɛyɛ n’anantwie!” Na Yehowa maa ehu kaa ɔman no, enti wɔn nyinaa boaboaa wɔn ho ano firii adi baeɛ.