15 Na “Samuel” bisaa Saul sɛ: “Adɛn na woama wɔafrɛ me rebɛgyegye me?” Ɛnna Saul kaa sɛ: “Me ho akyere me paa. Filistifoɔ ne me reko, na Onyankopɔn nso apo me na ɔmmua me bio; ɔmfa adiyifoɔ anaa daeɛ so nkasa nkyerɛ me.+ Ɛno nti na meresrɛ wo sɛ kyerɛ me deɛ menyɛ no.”+