3 Ɛnna Filistifoɔ akunini no bisaa sɛ: “Na Hebrifoɔ yi reyɛ dɛn wɔ ha?” Na Akis ka kyerɛɛ Filistifoɔ akunini no sɛ: “Israel hene Saul akoa Dawid nie; ɔne me atena ha afe ne kakra.+ Ɛfiri da a ɔbɛdii m’afã de bɛsi nnɛ, menhunuu adebɔne biara wɔ ne ho.”