2 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Israel asafo no nyinaa sɛ: “Sɛ ɛyɛ wɔ mo ani so na sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn pene so a, momma yɛnsoma nkɔka nkyerɛ yɛn nuanom a aka wɔ Israel asaase so nyinaa, ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔwɔ wɔn nkuro mu+ ne ɛho nsaase a mmoa didi so no so sɛ wɔmmɛka yɛn ho,