27 Israelfoɔ akuakuo a afe afe wɔba bosome biara bɛsom kɔ no, na kuo biara mu nnipa yɛ 24,000. Ná akuo no mufoɔ binom yɛ agyanom abusuafie mpanimfoɔ, ebinom yɛ apem apem ne ɔhaha so mpanimfoɔ,+ ɛnna ebinom nso yɛ atitire a wɔhwɛ akuo no nsɛm nyinaa so de som ɔhene.+