10 Sɛ mo nuanom a wɔtete wɔn nkuro mu de asɛm biara ba mo anim na ɛfa mogyahwieguo+ anaa mmara, ahyɛdeɛ, nhyehyɛeɛ a ɛda hɔ, ne atemmusɛm ho a, monkasa nkyerɛ wɔn na wɔanni fɔ Yehowa anim; anyɛ saa a, ne bo bɛfu mo ne mo nuanom. Wei na monyɛ na asodie amma mo so.