6 Ɛnna wɔtuu abɔfoɔ de nkrataa a ɛfiri ɔhene ne ne mpanimfoɔ hɔ no kɔɔ Israel ne Yuda nyinaa, sɛdeɛ ɔhene kaeɛ no, sɛ: “Israelfoɔ, monsan mmra Abraham, Isak ne Israel Nyankopɔn Yehowa nkyɛn, na ɔno nso bɛsan aba wɔn a wɔafiri Asiria ahemfo nsam aka no nkyɛn.+