5 Ɔsiesiee adekoradan kɛseɛ bi maa no; ɛhɔ na kane no na wɔde aduane afɔreɛ, ɛhyɛ, ne nneɛma foforɔ gu; ɛhɔ nso na aduane ne bobesa foforɔ ne ngo+ so ntotosoɔ du du a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma Lewifoɔ,+ nnwontofoɔ, ne apono ano ahwɛfoɔ no wɔ; ná asɔfoɔ no kyɛfa nso ka ho.+