8 Enti momfa anantwinini nson ne adwennini nson, na monkɔ m’akoa Hiob hɔ, na mommɔ ɔhyeɛ afɔreɛ mma mo ho;+ na m’akoa Hiob bɛbɔ mpaeɛ ama mo. Sɛdeɛ ɛteɛ biara mɛtie n’adesrɛ no, na manhwɛ mo nkwaseasɛm no ho ne mo anni, ɛfiri sɛ moanka me ho asɛm a ɛyɛ nokorɛ te sɛ m’akoa Hiob.”