12 Wɔatutu me tenabea, na wɔayi afiri me ho kɔ+
Te sɛ odwanhwɛfoɔ ntomadan.
Mabobɔ me nkwa te sɛ deɛ ntomanwemfoɔ bobɔ ntoma;
Watwa me afiri hɔ te sɛ deɛ wɔtwitwa ntoma a wɔanwene awie ho nhoma firi nsadua so no.
Ɛfiri awia kɔsi anadwo, wowie me nkakrankakra.+