15 Deɛ Ɔkorɔn na ɔyɛ Kɛseɛ,
Deɛ ɔte ase daa+ a ne din yɛ kronkron+ no asɛm nie:
“Mete baabi a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron,+
Me ne wɔn a wɔabubuo ne mmɔborɔwafoɔ na ɛteɛ,
Sɛ mɛma mmɔborɔwafoɔ agyina wɔn nan so bio,
Na mama wɔn a wɔabubuo no akoma asan anya ahoɔden.+