9 Me nsa bɛba adiyifoɔ a wɔn anisoadehunu yɛ atorɔ na wɔhyɛ nkɔm a ɛnyɛ nokorɛ+ no so. Meremfa wɔn nka wɔn a me ne wɔn di atirimusɛm no ho, na wɔn din nso remma Israel fie twerɛtohɔ mu; na wɔrensan mma Israel asaase so; na mobɛhu sɛ mene Awurade Tumfoɔ Yehowa.+