7 Sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Ɛdeɛn nti na woresi apini?’ a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Amanneɛbɔ bi ntira.’ Na ɛbɛba mu, na ehu nti akoma nyinaa bɛnane, nsa nyinaa bɛdwodwo, honhom nyinaa bɛboto, na nsuo bɛtene afa nkotodwe nyinaa ho.+ ‘Hwɛ, ɛbɛba mu ɛkwan biara so; ɛbɛba mu,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”