-
Hesekiel 28:13Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
13 Ná wote Eden, Onyankopɔn turom.
Wɔde abohene nyinaa bi siesiee wo
—Abohene kɔkɔɔ, topas abohene, ahwehwɛboɔ, sikabereɛboɔ, abohene tuntum, abohene ahabammono, hoaboɔ, nsrammaboɔ,+ ne ahabammonoboɔ;
Sika kɔkɔɔ na wɔde yɛɛ nsiaseɛ ne nsisoɔ de aboɔ yi nyinaa tetaree so.
Da a mebɔɔ wo no, saa da no na meyɛɛ ne nyinaa.
-