2 “Onipa ba, to Egypt hene Farao ho awerɛhoɔ dwom na ka kyerɛ no sɛ:
‘Ná wote sɛ gyata a ne ho yɛ den wɔ amanaman no mu,
Nanso wɔama woayɛ dinn.
Ná wote sɛ ɛpo mu asuboa kɛseɛ;+ ná wohurihuri pete wo ho wɔ wo nsubɔnten mu,
Na wode wo nan hono nsuo na woyɛ nsubɔnten no fĩ.’