30 “‘Ɛhɔ na atifi fam aberempɔn ne Sidonfoɔ nyinaa wɔ.+ Weinom na wɔn tumi a ɛma wɔn ho yɛ hu nyinaa akyi no, wɔne awufoɔ asiane kɔ fam tɔnn wɔ animguaseɛ mu. Wɔde wɔn momonoto bɛkɔ akɔda wɔn a sekan kunkum wɔn no mu, na wɔde wɔn animguaseɛ bɛkɔ akɔka wɔn a wɔrekɔ amena mu no ho.