5 Mehuu sɛ fasuo atwa asɔrefie no ho ahyia. Ná ɔbarima no kura demmire a wɔde susu adeɛ, na na ne tenten bɛyɛ basafa nsia (basafa biara, wɔsusu nsayam ka ho). Ɔfirii aseɛ susuu fasuo no. Ná ne pipiripie yɛ demmire baako, na ne tenten nso yɛ demmire baako.