-
Hesekiel 40:42Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
42 Aboɔ a wɔasene na wɔde yɛɛ apono nnan a na wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so no. Ebiara tenten yɛ basafa baako ne fã, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako ne fã, na ɛfiri soro bɛsi fam yɛ basafa baako. Nneɛma a wɔde kum mmoa a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne afɔreɛ a aka no, ɛso na na wɔde gu.
-