-
Hesekiel 48:21Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
21 “Ntoboa kronkron no ne kuro no asaase no, deɛ ɛbɛka akyire wɔ ɛfã ha ne ɛfã ha bɛyɛ ɔberempɔn no dea.+ Ɛbɛtoa asaase basafa 25,000 a ɛda asaase a wɔtwa yɛɛ ntoboa no apueeɛ ne n’atɔeɛ no so. Ɛne nsaase a ɛbɛn no no bɛyɛ pɛ, na ɛbɛyɛ ɔberempɔn no dea. Ntoboa kronkron no ne asɔrefie no kronkronbea no bɛda mfimfini.
-