18 Nanso Epikurofoɔ ne Stoafoɔ nyansapɛfoɔ bi firii aseɛ ne no gyee akyinnyeɛ. Ebinom kaa sɛ: “Ɛdeɛn koraa na kasatenten wura yi pɛ sɛ ɔkyerɛ?” Ɛnna ebinom nso kaa sɛ: “Gyama ɔyɛ obi a ɔka anyame foforɔ ho asɛm.” Deɛ enti a wɔkaa saa ne sɛ, na Paul reka Yesu ne owusɔreɛ ho asɛmpa no.+