Samuel Nwoma a Ɛdi Kan
30 Ne nnansa so a Dawid ne ne mmarima no bɛduruu Siklag+ no, na Amalekfoɔ+ abɛto ahyɛ anaafoɔ famfoɔ* ne Siklag so, na wɔasɛe Siklag de egya ahye kuro no. 2 Wɔbaeɛ no, na wɔakye mmaa+ no ne nnipa a aka wɔ hɔ nyinaa kɔ, ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so. Wɔanku obiara, na mmom wɔtwee wɔn sii kwan so de wɔn kɔeɛ. 3 Berɛ a Dawid ne ne mmarima no bɛduruiɛ no, na wɔde egya ahye kuro no, na wɔn yerenom ne wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa nso, na wɔakye wɔn kɔ. 4 Ɛnna Dawid ne mmarima a wɔka ne ho no maa wɔn nne so sui ara maa esũ no mee wɔn. 5 Dawid yerenom mmienu no, Yesreelni Ahinoam ne Abigail a berɛ bi na ɔware Karmelni Nabal no nso, na wɔakye wɔn kɔ.+ 6 Dawid ho yeraa no paa, ɛfiri sɛ na mmarima no rekeka sɛ wɔbɛsi no aboɔ. Deɛ enti a ɛbaa saa ne sɛ, na wɔabɛfa wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa kɔ ama mmarima no nyinaa* bo afu. Nanso Dawid de ne ho too Yehowa, ne Nyankopɔn so, na ɔnyaa ahoɔden.+
7 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Ahimelek ba ɔsɔfoɔ Abiatar+ sɛ: “Mesrɛ wo, fa efɔd* no bra ha.”+ Na Abiatar de efɔd no baa Dawid nkyɛn. 8 Dawid bisaa Yehowa sɛ:+ “Menti nnipabɔnefoɔ dɔm yi anaa? Mekɔ a, mɛto wɔn?” Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ti wɔn, na sɛdeɛ ɛte biara wobɛto wɔn, na deɛ wɔde kɔeɛ nso, wo nsa bɛka.”+
9 Ɛhɔ ara na Dawid sii kwan so, ɔne mmarima 600+ a wɔka ne ho no, na wɔkɔe ara kɔduruu Besor Subɔn no ho, na mmarima no bi kaa hɔ. 10 Dawid ne mmarima 400 toaa so tii wɔn, na mmarima 200 a ɔbrɛ nti wɔantumi antwa Besor Subɔn no gyinaeɛ.+
11 Wɔhuu Egyptni barima bi wɔ wuram hɔ, enti wɔde no kɔmaa Dawid. Wɔmaa no aduane diiɛ, na wɔmaa no nsuo nomeeɛ. 12 Wɔsan maa no borɔdɔma keeki ne bobe keeki mmienu maa no diiɛ, na ɔsan nyaa ahoɔden.* Ná ɔnnidiiɛ, na na ɔnnom nsuo nnansa, awia ne anadwo. 13 Ɛnna Dawid bisaa no sɛ: “Hwan akoa ne wo, na ɛhe na wofiri?” Na ɔbuaa sɛ: “Meyɛ ɔsomfoɔ a mefiri Egypt, na Amalekni bi akoa ne me, nanso nnansa ne nnɛ meyareeɛ, enti na me wura agya me wɔ ha yi. 14 Yɛkɔɔ Keretifoɔ+ anaafoɔ fam* ne Yuda asaase ne Kaleb+ anaafoɔ fam* nkuro so kɔto hyɛɛ wɔn so, na yɛde egya hyee Siklag.” 15 Ɛnna Dawid bisaa no sɛ: “Wobɛdi m’anim de me akɔ nnipabɔnefoɔ dɔm no nkyɛn anaa?” Na ɔkaa sɛ: “Sɛ woka me ntam Onyankopɔn din mu sɛ worenku me, na worenyi me nhyɛ me wura nsa a, ɛnneɛ mɛdi w’anim akɔ nnipabɔnefoɔ dɔm no nkyɛn.”
16 Ɛnna ɔdii n’anim kɔɔ baabi a nkurɔfoɔ no wɔ no, na wɔkɔtoo sɛ wɔsensam fam redidi nom na wɔregye wɔn ani ɛsiane nneɛma pii a wɔako afa* wɔ Filistifoɔ ne Yudafoɔ asaase so no nti. 17 Ɛnna Dawid kunkum wɔn firi ahomakye kɔsii anwummerɛ; wɔn mu baako mpo anka,+ gye mmarima 400 na wɔtenatenaa yoma so dwaneeɛ. 18 Deɛ Amalekfoɔ no faeɛ nyinaa, Dawid gyeeɛ;+ Dawid gyee ne yerenom mmienu no nso. 19 Wɔn nsa kaa wɔn biribiara, ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa ne asadeɛ* no ne nneɛma a wɔfaeɛ no nyinaa.+ Dawid gyee biribiara. 20 Enti Dawid faa nkurɔfoɔ no nnwan ne wɔn anantwie nyinaa, na ne mmarima no de wɔn dii wɔn ankasa nyɛmmoa no anim baeɛ. Wɔkaa sɛ: “Dawid asadeɛ nie.”
21 Ɛnna Dawid bɛduruu mmarima 200 a ɔbrɛ nti wɔantumi ne Dawid ankɔ a wɔkaa Besor Subɔn ho+ no nkyɛn, na wɔfirii adi sɛ wɔrebɛhyia Dawid ne nnipa a wɔka ne ho no. Berɛ a Dawid bɛduruu wɔn nkyɛn no, ɔbisaa wɔn sɛdeɛ wɔn ho teɛ. 22 Nanso mmarima a wɔne Dawid kɔeɛ no, nnipabɔnefoɔ ne ahuhufoɔ a wɔwɔ wɔn mu no kaa sɛ: “Wɔankɔ bi, enti asadeɛ a yɛde aba no, yɛremma wɔn bi. Wɔn yerenom ne wɔn mma nko ara na yɛde wɔn bɛma wɔn akɔ.” 23 Ɛnna Dawid kaa sɛ: “Me nuanom, monnyɛ saa, ɛfiri sɛ Yehowa na wama yɛn nsa aka nneɛma yi, na ɔno na wabɔ yɛn ho ban de nnipabɔnefoɔ dɔm a wɔbaa yɛn so no ahyɛ yɛn nsa.+ 24 Hwan na ɔne mo bɛyɛ adwene wɔ asɛm yi ho? Wɔn a wɔkɔɔ ɛsa no bi ne wɔn a wɔtenaa nneɛma ho no nyinaa bɛkyɛ no pɛ.+ Obiara bɛnya bi.”+ 25 Ɛfiri saa da no, ɔmaa no bɛyɛɛ ahyɛdeɛ ne mmara wɔ Israel de bɛsi nnɛ.
26 Berɛ a Dawid bɛduruu Siklag no, ɔde asadeɛ no bi kɔmaa Yuda mpanimfoɔ a wɔyɛ ne nnamfo no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Akyɛdeɛ* a mede rebrɛ mo nie. Yɛnya firii Yehowa atamfo mu.” 27 Ɔde bi kɔmaa wɔn a wɔwɔ Betel,+ ne wɔn a wɔwɔ Ramot a ɛwɔ Negeb,* ne wɔn a wɔwɔ Yatir,+ 28 ne wɔn a wɔwɔ Aroer, ne wɔn a wɔwɔ Sifmot, ne wɔn a wɔwɔ Estemoa,+ 29 ne wɔn a wɔwɔ Rakal, ne wɔn a wɔwɔ Yerameelfoɔ+ nkuro mu, ne wɔn a wɔwɔ Kenifoɔ+ nkuro mu, 30 ne wɔn a wɔwɔ Horma,+ ne wɔn a wɔwɔ Borasan, ne wɔn a wɔwɔ Atak, 31 ne wɔn a wɔwɔ Hebron,+ ne wɔn a wɔwɔ mmeaeɛ a Dawid ne ne mmarima no dii hɔ akɔneaba no nyinaa.