Samuel Nwoma a Ɛdi Kan
22 Enti Dawid firii hɔ,+ na odwane kɔɔ Adulam ɔbodan+ no mu. Berɛ a ne nuanom ne ne papa fiefoɔ nyinaa teeɛ no, wɔkɔɔ ne nkyɛn wɔ hɔ. 2 Na mmarima a wɔakɔ ɔhaw mu ne wɔn a wɔdede aka ne wɔn a nneɛma ahyɛ wɔn so* nyinaa boaboaa wɔn ho ano kɔɔ ne nkyɛn, na ɔyɛɛ wɔn so panin. Mmarima bɛyɛ 400 na wɔkɔkaa ne ho.
3 Akyire yi, Dawid firii hɔ kɔɔ Mispe wɔ Moab,+ na ɔka kyerɛɛ Moab hene sɛ: “Mesrɛ wo, ma me papa ne me maame mmɛtena mo nkyɛn nkɔsi sɛ mɛhunu deɛ Onyankopɔn bɛyɛ ama me.” 4 Enti ɔgyaa wɔn wɔ Moab hene nkyɛn, na nna a Dawid de tenaa dwankɔbea hɔ nyinaa,+ ɔhene no nkyɛn na ne papa ne ne maame tenaeɛ.
5 Akyire yi, odiyifoɔ Gad+ ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Ntena dwankɔbea hɔ. Firi hɔ na kɔ Yuda asaase so.”+ Enti Dawid firii hɔ kɔɔ Heret kwaeɛ mu.
6 Saul tee sɛ wɔahu Dawid ne mmarima a wɔka ne ho no. Ná Saul te tamarisk dua no ase wɔ Gibea+ bepɔ bi so kura ne pea wɔ ne nsam, na ne nkoa nyinaa gyinagyina ne ho. 7 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne nkoa a wɔgyinagyina ne ho no sɛ: “Mo Benyaminfoɔ, mesrɛ mo, montie. Enti Yese ba+ no nso bɛtumi ama mo nyinaa nsaase ne bobefuo?* Ɔbɛyɛ mo nyinaa apem apem so ahwɛfoɔ ne ɔhaha so ahwɛfoɔ anaa?+ 8 Mo nyinaa moabɔ me ho pɔ. Me ara me ba ne Yese ba no ayɛ apam,+ nanso obiara anyi me asotire. Mo mu biara nni hɔ a m’asɛm yɛ no mmɔbɔ a ɔbɛka akyerɛ me sɛ me ara me ba aboa m’akoa ama nnɛ a merekasa yi, wakɔtɛ baabi repɛ me adi me bɔne.”
9 Ɛnna Edomni Doeg+ a ɔda Saul nkoa ano no ka kyerɛɛ no sɛ:+ “Mehuu sɛ Yese ba no baa Ahitab ba+ Ahimelek nkyɛn wɔ Nob. 10 Ɔbisaa Yehowa anom asɛm maa no, na ɔmaa no aduane. Ɔde Filistini Goliat sekan no mpo maa no.”+ 11 Ɛhɔ ara na ɔhene somaa sɛ wɔnkɔfrɛ Ahitab ba ɔsɔfoɔ Ahimelek ne ne papa fiefoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ wɔ Nob no nyinaa mmra. Enti wɔn nyinaa baa ɔhene anim.
12 Ɛnna Saul kaa sɛ: “Ahitab ba, mesrɛ wo tie!” Na ɔkaa sɛ: “Me wura, meretie.” 13 Saul ka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na wo ne Yese ba no abɔ me ho pɔ? Woama no aduane ne sekan, na woabisa Onyankopɔn anom asɛm ama no. Wasɔre atia me, na merekasa yi wakɔtɛ baabi repɛ me adi me bɔne.” 14 Ɛnna Ahimelek buaa ɔhene sɛ: “Wo nkoa nyinaa mu no, hwan na ɔyɛ ɔnokwafoɔ te sɛ Dawid?+ Ɔware ɔhene babaa,+ na ɔyɛ w’awɛmfoɔ so panin a ɔwɔ anidie wɔ wo fie.+ 15 Ɛnnɛ ne da a ɛdi kan a merebisa Onyankopɔn anom asɛm ama no anaa?+ Ɛmpare me sɛ mɛyɛ deɛ woreka yi! Mma ɔhene mmmu n’akoa ne me papa fie nyinaa fɔ, ɛfiri sɛ wei nyinaa, w’akoa nnim ho hwee.”+
16 Nanso ɔhene kaa sɛ: “Ahimelek, wo ne wo papa fiefoɔ nyinaa,+ mobɛwu.”+ 17 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ awɛmfoɔ* a wɔgyinagyina ne ho no sɛ: “Monkɔkunkum Yehowa asɔfoɔ no, ɛfiri sɛ wɔne Dawid ayɛ baako! Wɔhuu sɛ ɔredwane nso wɔanyi me asotire!” Nanso na ɔhene nkoa no mpɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka Yehowa asɔfoɔ no. 18 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Doeg+ sɛ: “Kɔkunkum asɔfoɔ no!” Ɛhɔ ara na Edomni+ Doeg kɔto hyɛɛ asɔfoɔ no so. Ɛda no, ɔkunkum mmarima 85 a wɔhyehyɛ nwera efɔd.*+ 19 Asɔfoɔ no kuro Nob+ nso, ɔde sekan kɔkunkum emu nnipa; ɔkunkum mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie, mfunumu, ne nnwan.
20 Nanso Ahitab ba Ahimelek ba baako a wɔfrɛ no Abiatar+ nyaa ne ho teteeɛ, na odwane kɔdii Dawid akyi. 21 Abiatar ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Saul akunkum Yehowa asɔfoɔ no.” 22 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abiatar sɛ: “Ɛda no,+ na Edomni Doeg wɔ hɔ, enti mehuu sɛ deɛ ɛteɛ biara, ɔbɛka akyerɛ Saul. Me na mama wo papa fiefoɔ nyinaa* awuwu. 23 Wo deɛ, tena me nkyɛn. Nsuro, ɛfiri sɛ obiara a ɔrepɛ wo aku wo* no repɛ me nso aku me;* mɛbɔ wo ho ban.”+