Berɛsosɛm Nwoma a Ɛdi Kan
26 Apono ano ahwɛfoɔ+ mu nkyekyɛmu nie: Kora asefoɔ mu, Asaf aseni Kore ba Meselemia.+ 2 Meselemia mma nie: Sakaria ne abakan, Yediael tɔ so mmienu, Sebadia tɔ so mmiɛnsa, Yatniel tɔ so nnan, 3 Elam tɔ so nnum, Yehohanan tɔ so nsia, Elieho-Enai tɔ so nson. 4 Obed-Edom mma nie: Semaia ne abakan, Yehosabad tɔ so mmienu, Yoa tɔ so mmiɛnsa, Sakar tɔ so nnan, Netanel tɔ so nnum, 5 Amiel tɔ so nsia, Isakar tɔ so nson, Peuletai tɔ so nwɔtwe; mma yi na Onyankopɔn de hyiraa no.
6 Na ne ba Semaia nso, ɔwoo mma mmarima, na wɔdii wɔn agyanom abusuafie so, ɛfiri sɛ na wɔyɛ mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden. 7 Semaia mma nie: Otni, Refael, Obed, ne Elsabad; ɔne ne nuanom Elihu ne Semakia; wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden. 8 Weinom nyinaa yɛ Obed-Edom asefoɔ; wɔne wɔn mma ne wɔn nuanom yɛ Obed-Edom fiefoɔ, mmarima mmɔdemmɔfoɔ 62 a wɔbɛtumi ayɛ adwuma no. 9 Meselemia+ mma ne ne nuanom yɛ mmarima mmɔdemmɔfoɔ 18. 10 Hosa a ɔfiri Merari asefoɔ mu mma nie: Simri na na ɔyɛ wɔn so panin; ná ɔnyɛ abakan nanso ne papa de no yɛɛ wɔn so panin; 11 Hilkia tɔ so mmienu, Tebalia tɔ so mmiɛnsa, Sakaria tɔ so nnan. Hosa mma ne ne nuanom nyinaa yɛ 13.
12 Apono ano ahwɛfoɔ a wɔakyekyɛ wɔn mu yi, mpanimfoɔ no ne wɔn nuanom nyinaa yɛɛ adwuma korɔ; wɔsom wɔ Yehowa fie. 13 Enti sɛdeɛ wɔn agyanom abusuafie teɛ no, kumaa oo, ɔkɛseɛ oo, wɔhwɛɛ ho bɔɔ ntonto+ kyekyɛɛ apono ano hwɛ adwuma no maa wɔn. 14 Berɛ a wɔbɔɔ ntonto no, apueeɛ fam deɛ no kɔdii Selemia nsam. Atifi fam deɛ no nso, wɔbɔɔ ntonto maa no kɔdii ne ba Sakaria, ɔfotufoɔ a ɔwɔ nhunumu no nsam. 15 Obed-Edom nyaa anaafoɔ fam deɛ no, na ne mma+ no nso nyaa adekora adan no. 16 Supim ne Hosa+ nyaa atɔeɛ fam, faako a ɛbɛn Saleket Pono a ɛda kwantempɔn a ɛforo kɔ kuro no mu no; awɛmfoɔ kuo baako gyina ha a, na awɛmfoɔ kuo baako nso gyina ha; 17 Ná Lewifoɔ nsia wɔ apueeɛ fam; atifi fam ne anaafoɔ fam nso, da biara na nnan wɔ hɔ. Adekora adan no+ ho nso, awɛmfoɔ mmienu wɔ ha a, na mmienu wɔ ha; 18 atɔeɛ abrannaa no fam nso, nnan wɔ kwantempɔn+ no so, na mmienu wɔ abrannaa no so. 19 Saa na wɔkyekyɛɛ apono ano ahwɛfoɔ a wɔyɛ Kora asefoɔ ne Merari asefoɔ no mu.
20 Lewifoɔ mu no, Ahiya na na ɔhwɛ nokorɛ Nyankopɔn no fie akoradeɛ ne akoradeɛ a wɔayɛ no kronkron*+ no so. 21 Ladan asefoɔ, kyerɛ sɛ, Gerson asefoɔ a wɔfiri Ladan mu, agyanom abusuafie mpanimfoɔ a wɔfiri Gersonni Ladan mu ne Yehieli+ 22 ne Yehieli mma Setam ne ne nua Yoel. Wɔn na wɔhwɛɛ Yehowa fie akoradeɛ so.+ 23 Amramfoɔ, Yisarfoɔ, Hebronfoɔ, ne Usielfoɔ+ mu no, 24 na Mose ba Gersom ba Sebuel na ɔda adekora adan so ahwɛfoɔ no ano. 25 Ne nuanom mu no, ne nua Elieser+ ba ne Rehabia,+ ɔno nso ba ne Yesia, ɔno nso ba ne Yoram, ɔno nso ba ne Sikri, ɔno nso ba ne Selomot. 26 Selomot yi ne ne nuanom na wɔhwɛɛ akoradeɛ a wɔayɛ no kronkron no nyinaa so,+ deɛ Ɔhene Dawid+ ne agyanom abusuafie mpanimfoɔ,+ ne apem apem ne ɔhaha so ahwɛfoɔ, ne asahene no yɛɛ no kronkron no. 27 Ɔko mu+ nneɛma a wɔnyaeɛ no,+ wɔyɛɛ no kronkron sɛ wɔmfa nsiesie Yehowa fie. 28 Biribiara a ɔdehwɛfoɔ Samuel+ ne Kis ba Saul ne Ner ba Abner+ ne Seruia+ ba Yoab+ yɛɛ no kronkron nso ka ho. Biribiara a obiara yɛɛ no kronkron no, wɔde hyɛɛ Selomit ne ne nuanom nsa.
29 Yisarfoɔ+ mu no, Kenania ne ne mma yɛɛ wɔn nnwuma wɔ abɔnten; ná wɔyɛ mpanimfoɔ ne atemmufoɔ+ wɔ Israel.
30 Hebronfoɔ+ mu no, Hasabia ne ne nuanom, mmarima mmɔdemmɔfoɔ 1,700 na na wɔdeda Yehowa adwuma ne ɔhene som adwuma nyinaa ano wɔ Israel nkuro a ɛwɔ Yordan atɔeɛ fam no mu. 31 Hebronfoɔ mu no, Yeriya+ na na ɔyɛ Hebronfoɔ awoɔ ntoatoasoɔ ne agyanom abusuafie panin. Dawid ahennie afe a ɛtɔ so 40 mu no,+ wɔhwehwɛɛ Hebronfoɔ no mu, na wɔnyaa mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden wɔ Yaser+ a ɛwɔ Gilead. 32 Ná ne nuanom yɛ mmarima mmɔdemmɔfoɔ 2,700 a wɔyɛ agyanom abusuafie mpanimfoɔ. Enti Ɔhene Dawid de wɔn totoo Rubenfoɔ, Gadfoɔ, ne Manase abusuakuo fã no ano sɛ biribiara a ɛfa nokorɛ Nyankopɔn som ne ɔhene ho no, wɔnhwɛ so.