Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Berɛsosɛm 25
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Berɛsosɛm Mu Nsɛntitire

      • Yuda hene Amasia ahennie (1-4)

      • Ɔne Edom kɔkoe (5-13)

      • Amasia som abosom (14-16)

      • Ɔne Israel hene Yehoas kɔkoe (17-24)

      • Amasia wui (25-28)

2 Berɛsosɛm 25:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 14:1-6

2 Berɛsosɛm 25:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 24:26

2 Berɛsosɛm 25:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 24:16

2 Berɛsosɛm 25:5

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “wɔayi wɔn.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 8:11, 12
  • +Nu 1:2, 3

2 Berɛsosɛm 25:6

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Dwetikɛseɛ baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.

2 Berɛsosɛm 25:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 19:2

2 Berɛsosɛm 25:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 14:11; 20:6

2 Berɛsosɛm 25:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 2:7; Mme 10:22; Hag 2:8

2 Berɛsosɛm 25:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 8:13; Dw 60:atifi asɛm
  • +2Ah 14:7; 2Be 20:10, 11

2 Berɛsosɛm 25:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 25:9
  • +1Ah 16:29
  • +2Be 8:3, 5

2 Berɛsosɛm 25:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:3, 5; De 7:25; 2Be 28:22, 23

2 Berɛsosɛm 25:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 24:20; Dw 115:8; Yer 2:5; 10:5

2 Berɛsosɛm 25:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 16:10; 18:25, 26
  • +Yes 30:10
  • +1Sa 2:25; Mme 29:1

2 Berɛsosɛm 25:17

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “yɛnko.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 14:8-10

2 Berɛsosɛm 25:19

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “Woaka.”

  • *

    Anaa “w’ahemfie.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 25:11

2 Berɛsosɛm 25:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 14:11-14
  • +2Be 25:14
  • +2Be 22:7

2 Berɛsosɛm 25:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 21:8, 16; 1Sa 6:19

2 Berɛsosɛm 25:22

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “ntomadan mu.”

2 Berɛsosɛm 25:23

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Wɔsan frɛ no Ahasia.

  • *

    Ɛbɛyɛ mita 178 (anm. 584). Hwɛ Nkh. B14.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ne 8:16; 12:38, 39
  • +2Be 26:9; Yer 31:38; Sak 14:10

2 Berɛsosɛm 25:24

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ahemfie.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 7:51; 15:18; 2Ah 24:12, 13; 25:13-15; 2Be 12:9

2 Berɛsosɛm 25:25

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 14:17-20
  • +2Ah 13:10
  • +2Ah 14:1

2 Berɛsosɛm 25:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 12:20; 15:8, 10; 21:23

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 25:12Ah 14:1-6
2 Be. 25:32Be 24:26
2 Be. 25:4De 24:16
2 Be. 25:51Sa 8:11, 12
2 Be. 25:5Nu 1:2, 3
2 Be. 25:72Be 19:2
2 Be. 25:82Be 14:11; 20:6
2 Be. 25:91Sa 2:7; Mme 10:22; Hag 2:8
2 Be. 25:112Sa 8:13; Dw 60:atifi asɛm
2 Be. 25:112Ah 14:7; 2Be 20:10, 11
2 Be. 25:132Be 25:9
2 Be. 25:131Ah 16:29
2 Be. 25:132Be 8:3, 5
2 Be. 25:14Ex 20:3, 5; De 7:25; 2Be 28:22, 23
2 Be. 25:152Be 24:20; Dw 115:8; Yer 2:5; 10:5
2 Be. 25:162Be 16:10; 18:25, 26
2 Be. 25:16Yes 30:10
2 Be. 25:161Sa 2:25; Mme 29:1
2 Be. 25:172Ah 14:8-10
2 Be. 25:192Be 25:11
2 Be. 25:202Ah 14:11-14
2 Be. 25:202Be 25:14
2 Be. 25:202Be 22:7
2 Be. 25:21Yos 21:8, 16; 1Sa 6:19
2 Be. 25:23Ne 8:16; 12:38, 39
2 Be. 25:232Be 26:9; Yer 31:38; Sak 14:10
2 Be. 25:241Ah 7:51; 15:18; 2Ah 24:12, 13; 25:13-15; 2Be 12:9
2 Be. 25:252Ah 14:17-20
2 Be. 25:252Ah 13:10
2 Be. 25:252Ah 14:1
2 Be. 25:272Ah 12:20; 15:8, 10; 21:23
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
2 Berɛsosɛm 25:1-28

Berɛsosɛm Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu

25 Amasia bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 25, na ɔdii adeɛ mfeɛ 29 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yehoadan, na na ɔfiri Yerusalem.+ 2 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so, nanso na n’akoma nni mu. 3 Berɛ a ahennie no yɛɛ den wɔ ne nsam ara pɛ na ɔkunkum ne nkoa a wɔkum ne papa a na ɔdi hene no.+ 4 Wɔn mma deɛ, wanku wɔn, na mmom ɔyɛɛ deɛ wɔatwerɛ no Mose Mmara nwoma no mu. Ná Yehowa aka wom sɛ: “Ɛnsɛ sɛ agyanom wu ɛsiane wɔn mma bɔne nti, na ɛnsɛ sɛ mma wu ɛsiane wɔn agyanom bɔne nti; obiara nwu ne bɔne ho.”+

5 Na Amasia boaboaa Yuda ano, na ɔmaa wɔgyinagyinaa sɛdeɛ wɔn agyanom abusuafie teɛ, apem apem sohwɛfoɔ ne ɔhaha sohwɛfoɔ biara ne ne dɔm wɔ Yuda ne Benyamin nyinaa;+ na ɔtwerɛtwerɛɛ wɔn a wɔadi mfeɛ 20 rekɔ no din,+ na ɔnyaa mmarima akatakyie a wɔnim ko* 300,000 a wɔbɛtumi de mpea ne akyɛm akɔ ɔsa. 6 Afei ɔde dwetɛ dwetikɛseɛ* 100 kɔbɔɔ Israel mmarima akatakyie 100,000 paa. 7 Nanso nokorɛ Nyankopɔn nipa bi bɛka kyerɛɛ no sɛ: “O ɔhene, mma Israel asraafoɔ no ne wo nnkɔ, ɛfiri sɛ Yehowa nka Israel ho;+ ɔnka Efraim mma no biara ho. 8 Wo nko ara kɔ, keka wo ho na fa akokoɔduro kɔ ɛko no. Anyɛ saa a, nokorɛ Nyankopɔn no bɛma woahwe ase wɔ ɔtamfo anim, ɛfiri sɛ Onyankopɔn wɔ tumi sɛ ɔboa obi+ anaa ɔma no hwe ase.” 9 Ɛnna Amasia bisaa nokorɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: “Na dwetikɛseɛ 100 a mede ama Israel asraafoɔ no nso ɛ?” Nokorɛ Nyankopɔn nipa no kaa sɛ: “Yehowa bɛtumi ama wo deɛ ɛkyɛn saa koraa.”+ 10 Enti Amasia yiyii asraafoɔ a wɔfiri Efraim bae no firii mu, na ɔmaa wɔkɔɔ wɔn kurom. Nanso wɔn bo fuu Yuda paa, na wɔde abufuo kɔɔ wɔn kurom.

11 Ɛnna Amasia de akokoɔduro dii ne dɔm anim kɔɔ Nkyene Bɔn no mu,+ na ɔkunkum Seir mmarima 10,000.+ 12 Na Yuda mmarima kyee wɔn mu 10,000 anikan, na wɔde wɔn kɔɔ ɔbotan atifi kɔtoo wɔn firii hɔ bɛhwehwee fam, na wɔn nyinaa mu teteeɛ. 13 Na asraafoɔ a Amasia maa wɔsan wɔn akyi a ɔne wɔn ankɔ ɛko no,+ wɔn nso kɔto hyɛɛ Yuda nkuro so, ɛfiri Samaria+ kɔsi Bet-Horon.+ Wɔkunkum emu nnipa 3,000 sesaa nneɛma bebree kɔe.

14 Berɛ a Amasia kɔkunkum Edomfoɔ wieeɛ a ɔreba no, ɔfaa Seir mmarima anyame no bae, na ɔde bɛsisii hɔ de yɛɛ n’anyame,+ na ɔfirii aseɛ kotoo wɔn hyee afɔrebɔdeɛ maa wɔn. 15 Ɛno nti Yehowa bo fuu Amasia dendeenden, na ɔsomaa odiyifoɔ bi kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na woakɔdi nkurɔfoɔ no anyame akyi, anyame a wɔantumi annye wɔn ankasa nkurɔfoɔ amfiri wo nsam?”+ 16 N’ano ansi na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo na yɛayi wo sɛ ɔhene fotufoɔ anaa?+ Twa so!+ Adɛn nti na worebɛyɛ ama wɔaku wo?” Ɛnna odiyifoɔ no twaa so, nanso ɔkaa sɛ: “Menim sɛ Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe wo, enti na woayɛ wei na m’afotuo nso woantie no.”+

17 Yuda hene Amasia ne n’afotufoɔ tuu agyina na ɔde nkra kɔmaa Israel hene Yehu ba Yehoahas ba Yehoas sɛ: “Bra ma yɛmfa mmɔ ani.”*+ 18 Israel hene Yehoas nso de nkra kɔmaa Yuda hene Amasia sɛ: “Lebanon nkasɛɛ-nkasɛɛ soma kɔka kyerɛɛ Lebanon sida dua sɛ, ‘Fa wo babaa ma me babarima awareɛ.’ Nanso, Lebanon wuram aboa bi a ɔretwam tiatiaa nkasɛɛ-nkasɛɛ no so sɛee no pasaa. 19 Woaka sɛ, ‘Maka* Edom agu.’+ Enti w’akoma ama ne ho so rehoahoa ne ho na worepɛ animuonyam. Hwɛ so tena wo fie.* Adɛn nti na worebɛpɛ wo ho asɛm ahwe ase ama Yuda nso ahwe ase bi?”

20 Nanso Amasia antie,+ ɛfiri sɛ Edom anyame a wɔkɔdii wɔn akyi nti,+ na nokorɛ Nyankopɔn no pɛ sɛ ɔde wɔn hyɛ atamfo nsa.+ 21 Enti Israel hene Yehoas kɔe, na ɔne Yuda hene Amasia de kɔbɔɔ ani wɔ Bet-Semes+ wɔ Yuda asaase so. 22 Yuda dii nkoguo wɔ Israel anim maa obiara dwane kɔɔ ne fie.* 23 Israel hene Yehoas kyee Yuda hene Amasia a ɔyɛ Yehoas ba a ɔno nso yɛ Yehoahas* ba no wɔ Bet-Semes. Ɛnna ɔde no baa Yerusalem, na ɔbɛbuu Yerusalem fasuo no basafa 400* guu mu, ɛfiri Efraim Pono+ no ano kɔsi Ntwea So Pono+ no ano. 24 Ɔsesaa sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ne nneɛma a ɛwɔ nokorɛ Nyankopɔn no fie a ɛhyɛ Obed-Edom nsa nyinaa ne deɛ ɛwɔ ɔhene fie* akoraeɛ+ hɔ. Afei ɔfaa ebinom yɛɛ wɔn nkoa, na ɔsan kɔɔ Samaria.

25 Israel hene Yehoahas+ ba Yehoas wuo akyi no,+ Yuda hene Yehoas ba Amasia+ tenaa ase mfeɛ 15 kaa ho. 26 Amasia ho nsɛm a aka, ɛfiri mfitiaseɛ kɔsi awieeɛ, hwɛ, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Yuda ne Israel Ahemfo Nwoma no mu. 27 Ɛfiri da a Amasia twee ne ho firii Yehowa ho no, nkurɔfoɔ bɔɔ ne ho pɔ+ wɔ Yerusalem, enti ɔdwane kɔɔ Lakis, nanso wɔmaa mmarima kɔtii no wɔ Lakis kɔkum no wɔ hɔ. 28 Enti wɔde no too apɔnkɔ so bɛsiee no kaa n’agyanom ho wɔ Yuda kuro mu.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane