Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Berɛsosɛm 26
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Berɛsosɛm Mu Nsɛntitire

      • Yuda hene Usia ahennie (1-5)

      • Usia nyaa asraafoɔ pii na ɔyɛɛ den (6-15)

      • Usia ahomasoɔ nti kwata yɛɛ no (16-21)

      • Usia wui (22, 23)

2 Berɛsosɛm 26:1

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɔno ara na wɔfrɛ no Asaria wɔ 2Ahe 14: 21; 15:1 no.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 1:8
  • +2Ah 14:21

2 Berɛsosɛm 26:2

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “ɔhene no.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 9:26; 2Ah 16:6
  • +2Ah 14:22

2 Berɛsosɛm 26:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 1:1; 6:1
  • +2Ah 15:2

2 Berɛsosɛm 26:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 14:1, 3

2 Berɛsosɛm 26:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 14:7; Dw 1:2, 3

2 Berɛsosɛm 26:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 8:1; 2Be 21:16; Yes 14:29
  • +1Be 18:1
  • +Yos 15:11, 12
  • +Yos 15:20, 46; 1Sa 5:1

2 Berɛsosɛm 26:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 17:11

2 Berɛsosɛm 26:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 19:36, 38; Ate 11:15

2 Berɛsosɛm 26:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 14:2, 7
  • +2Ah 14:13; Yer 31:38; Sak 14:10
  • +Ne 3:13

2 Berɛsosɛm 26:10

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa ɛbɛtumi aba sɛ “ɔtu firii abotan mu.”

  • *

    Anaa “bepɔ so asaase tratra.”

  • *

    Anaa “bobeturo.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 9:17

2 Berɛsosɛm 26:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 1:2, 3; 2Sa 24:9
  • +2Be 24:11

2 Berɛsosɛm 26:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 11:1; 13:3; 14:8; 17:14; 25:5

2 Berɛsosɛm 26:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 11:5, 12
  • +1Sa 17:4, 5
  • +Ate 20:16; 1Sa 17:49; 1Be 12:1, 2

2 Berɛsosɛm 26:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 14:2, 7

2 Berɛsosɛm 26:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 1:51

2 Berɛsosɛm 26:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 16:39, 40; 18:7
  • +Ex 30:7; 1Be 23:13

2 Berɛsosɛm 26:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 16:10; 25:15, 16
  • +Nu 12:10; 2Ah 5:27

2 Berɛsosɛm 26:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 13:45, 46; Nu 5:2; 12:14, 15
  • +2Ah 15:5-7

2 Berɛsosɛm 26:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 1:1; 6:1

2 Berɛsosɛm 26:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 15:32

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 26:1Mt 1:8
2 Be. 26:12Ah 14:21
2 Be. 26:21Ah 9:26; 2Ah 16:6
2 Be. 26:22Ah 14:22
2 Be. 26:3Yes 1:1; 6:1
2 Be. 26:32Ah 15:2
2 Be. 26:42Ah 14:1, 3
2 Be. 26:52Be 14:7; Dw 1:2, 3
2 Be. 26:62Sa 8:1; 2Be 21:16; Yes 14:29
2 Be. 26:61Be 18:1
2 Be. 26:6Yos 15:11, 12
2 Be. 26:6Yos 15:20, 46; 1Sa 5:1
2 Be. 26:72Be 17:11
2 Be. 26:8Ge 19:36, 38; Ate 11:15
2 Be. 26:92Be 14:2, 7
2 Be. 26:92Ah 14:13; Yer 31:38; Sak 14:10
2 Be. 26:9Ne 3:13
2 Be. 26:102Ah 9:17
2 Be. 26:11Nu 1:2, 3; 2Sa 24:9
2 Be. 26:112Be 24:11
2 Be. 26:132Be 11:1; 13:3; 14:8; 17:14; 25:5
2 Be. 26:142Be 11:5, 12
2 Be. 26:141Sa 17:4, 5
2 Be. 26:14Ate 20:16; 1Sa 17:49; 1Be 12:1, 2
2 Be. 26:152Be 14:2, 7
2 Be. 26:16Nu 1:51
2 Be. 26:18Nu 16:39, 40; 18:7
2 Be. 26:18Ex 30:7; 1Be 23:13
2 Be. 26:192Be 16:10; 25:15, 16
2 Be. 26:19Nu 12:10; 2Ah 5:27
2 Be. 26:21Le 13:45, 46; Nu 5:2; 12:14, 15
2 Be. 26:212Ah 15:5-7
2 Be. 26:22Yes 1:1; 6:1
2 Be. 26:232Ah 15:32
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
2 Berɛsosɛm 26:1-23

Berɛsosɛm Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu

26 Ɛnna Yuda man no nyinaa faa Usia*+ a wadi mfeɛ 16 no, na wɔsii no hene maa no dii ne papa Amasia adeɛ.+ 2 Ɔno na ɔsan kyekyeree Elot+ maa no bɛdii Yuda nsam bio, berɛ a Ɔhene Amasia* ne n’agyanom kɔdaeɛ no.+ 3 Usia+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 16, na ɔdii adeɛ mfeɛ 52 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yekolia, na na ɔfiri Yerusalem.+ 4 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so sɛdeɛ ne papa Amasia yɛeɛ no.+ 5 Sakaria te ase no, ɔkyerɛkyerɛɛ no maa no hunuu sɛdeɛ ɔbɛsuro nokorɛ Nyankopɔn no, na saa berɛ no, ɔkɔɔ so hwehwɛɛ Onyankopɔn. Berɛ a ɔhwehwɛɛ Yehowa nyinaa, nokorɛ Nyankopɔn no maa no sii no yie.+

6 Ɔfirii adi ne Filistifoɔ kɔkoe,+ na ɔbuu Gat fasuo,+ Yabne fasuo,+ ne Asdod fasuo+ guu mu. Ɛnna ɔkɔkyekyeree nkuro wɔ Asdod asaase so ne Filistifoɔ mu. 7 Nokorɛ Nyankopɔn no boaa no maa no dii Filistifoɔ, Arabiafoɔ+ a wɔtete Gurbaal, ne Meunimfoɔ so nkonim. 8 Ammonfoɔ+ firii aseɛ tuaa toɔ maa Usia. Ne din kɔɔ akyiri ara kɔduruu Egypt, ɛfiri sɛ ne tumi yɛɛ kɛse paa. 9 Bio nso, Usia totoo abantenten+ wɔ Ntwea So Pono,+ Ɛbɔn Pono,+ ne Adum no ho wɔ Yerusalem, na ɔsiesie maa no yɛɛ den. 10 Afei nso, ɔtotoo abantenten+ wɔ serɛ so, na ɔtutuu* mmura pii (ɛfiri sɛ na ɔwɔ nyɛmmoa bebree), na ɔyeyɛɛ bi nso wɔ Sefela ne asaasetraa* no so. Ná ɔwɔ akuafoɔ ne bobefuo* so ahwɛfoɔ wɔ mmepɔ so ne Karmel, ɛfiri sɛ na ɔpɛ kuadwuma.

11 Afei nso, na Usia wɔ asraafoɔ a wɔasiesie wɔn ama ɛko. Sɛ wɔrekɔ ɛko a, wɔkyekyɛ wɔn mu akuakuo. Wɔn a wɔkan wɔn twerɛtwerɛɛ wɔn din+ ne ɔtwerɛfoɔ Yeiel+ ne ɔpanin Maaseia, na na wɔhyɛ Hanania, ɔhene mpanimfoɔ no baako ase. 12 Ná agyanom abusuafie mpanimfoɔ a wɔdeda mmarima akatakyie no nyinaa ano dodoɔ yɛ 2,600. 13 Asraafoɔdɔm a wɔhyɛ wɔn ase yɛ 307,500; wɔyɛ mmarima akatakyie a wɔnim ko a wɔboa ɔhene ma no ko tia n’atamfo.+ 14 Usia yɛɛ akyɛm, mpea,+ nnadeɛ kyɛ, akotaadeɛ,+ agyan, ne akoraboɔ+ maa asraafoɔ no nyinaa. 15 Afei nso, ɔmaa mfidiyɛfoɔ yeyɛɛ mfidie a wɔde di ako wɔ Yerusalem, na wɔde sisii abantenten so+ ne ntwea so. Ná wɔtumi de to agyan ne aboɔ akɛseɛ. Enti ne ho asɛm duruu akyiri paa, ɛfiri sɛ ɔnyaa mmoa kɛseɛ na ɔyɛɛ den.

16 Nanso ɔyɛɛ den ara pɛ, n’akoma maa ne ho so, na ɛde no kɔɔ ɔsɛeɛ mu; wanni Yehowa ne Nyankopɔn nokorɛ, ɛfiri sɛ ɔkɔɔ Yehowa asɔrefie hɔ sɛ ɔrekɔhye aduhwam wɔ aduhwam afɔrebukyia no so.+ 17 Ɛhɔ ara na ɔsɔfoɔ Asaria ne Yehowa asɔfoɔ a wɔka ne ho, mmarima akokoɔdurofoɔ 80, dii n’akyi. 18 Ɛnna wɔka sii Ɔhene Usia anim sɛ: “Usia, ɛnyɛ ne kwan so sɛ wobɛhye aduhwam ama Yehowa!+ Asɔfoɔ no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔhye aduhwam, ɛfiri sɛ wɔyɛ Aaron asefoɔ,+ na wɔn na wɔayɛ wɔn kronkron. Firi tenabea kronkron ha kɔ, na woafom; wei remma wonnya animuonyam biara wɔ Yehowa Nyankopɔn anim.”

19 Nanso Usia bo fuu asɔfoɔ no.+ N’abufuo no ara mu na kwata+ fifirii ne moma so wɔ asɔfoɔ no anim. Saa berɛ no, na ɔkura aduhwamhyeɛ adeɛ no, na na ɔwɔ aduhwam afɔrebukyia no nkyɛn wɔ Yehowa fie hɔ. 20 Berɛ a ɔsɔfo panin Asaria ne asɔfoɔ no nyinaa twaa wɔn ani hwɛɛ no no, wɔhuu sɛ kwata afifi ne moma so. Enti wɔyɛɛ ntɛm piapiaa no firii hɔ, na ɔno nso de ahoɔherɛ firii adi, ɛfiri sɛ na Yehowa de ne nsa aka no.

21 Ɔhene Usia yaree kwata kɔsii sɛ ɔwuiɛ; ne kwata no nti wɔmaa no tee ne ho kɔtenaa fie bi mu;+ wannya kwan ankɔ Yehowa fie bio. Ne ba Yotam na ɔhwɛɛ ahemfie no so, na ɔno na ɔbuu ɔman no mu nnipa atɛn.+

22 Usia ho nsɛm a aka, ɛfiri mfitiaseɛ kɔsi awieeɛ, Amus ba odiyifoɔ Yesaia twerɛɛ ne nyinaa too hɔ.+ 23 Usia ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho, nanso ahemfo asieeɛ asaase no so baabi na wɔsiee no, ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: “Ɔyɛ kwatani.” Na ne ba Yotam+ bɛdii n’adeɛ.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane