Hiob
39 “Wonim berɛ a bepɔ so mpɔnkye de wo?+
Na woahunu sɛ wansane rewo pɛn?+
2 Wobɛtumi akan abosome dodoɔ a wɔn mma di wɔ wɔn yam?
Wonim berɛ a wɔde wo?
3 Wɔkoto wo wɔn mma,
Na wɔn awoɔ mu yea no to twa.
4 Wɔn mma nya ahoɔden, na wɔnyinyini wɔ wuram;
Wɔpue kɔ, na wɔnsan mma wɔn nkyɛn bio.
6 Mede ɛserɛ so ayɛ ne fie,
Na mede nkyene kuro ayɛ ne tenabea.
7 Ɔmfa gyegyeegye a ɛwɔ kuro mu nyɛ hwee;
Ɔnte deɛ ɔka no kɔ adwuma no nteateamu.
8 Ɔkyinkyini mmepɔ so hwehwɛ adidibea;
Ɔhwehwɛ wura biara a ɛyɛ frɔmfrɔm.
9 Wohwɛ a, ɛkoɔ* bɛpene so asom wo?+
Anaa ɔbɛda buo a woabobɔ* mu anadwo?
10 Wobɛtumi de ahoma akyekyere ɛkoɔ ama watwa nkofie nteaanteaa ama wo?
Anaa ɔbɛdi w’akyi afuntum wɔ bɔn mu?
11 Wode wo ho bɛto n’ahoɔden dodoɔ so,
Na wode w’adwuma kɛseɛ ahyɛ ne nsa?
13 Sohori de anigyeɛ bɔ ne ntaban mu,
Nanso wohwɛ a, ne ntaban ne ne ntakra ne asukɔnkɔn deɛ na ɛsɛ?+
14 Ɛfiri sɛ ɔto ne nkosua gu fam,
Na mfuturo mu na ɔma ɛnya ɔhyew.
15 Ne werɛ fi sɛ obi nan bɛtumi abobɔ no,
Anaa wuram aboa bi bɛtumi atiatia so.
18 Nanso sɛ ɔsɔre, na ɔbɔ ne ntaban mu a,
Ɔsere pɔnkɔ ne deɛ ɔte ne so.
Anaa wo na wode nwi hyehyɛ ne kɔn mu?
20 Wobɛtumi ama no ahurihuri sɛ ntutummɛ?
Sɛ ɔporo ne hwene mu a, ɛyɛ hu paa.+
22 Ɔhunu adeɛ a ɛyɛ hu a, ɔsere, na ɔnsuro hwee.+
Na ɔnnwane mfiri sekan ano.
23 Agyan woso wɔ ne so,
Pea ne pɛmɛ twa yerɛwyerɛw.
25 Sɛ ɔte abɛn a, ɔka sɛ, ‘Ahãã!’
Ɛko wɔ akyirikyiri mpo a, ɔte ne hwa,
Na ɔte asahene nteateamu ne ɛko nteamu.+
26 Wo nyansa nti na akorɔma tu fãã,
Na ɔtrɛ ne ntaban mu kyerɛ anaafoɔ anaa?