Hiob
3 Wohwɛ a, anka ɔbɛpa wo kyɛw?
Anaa ɔbɛyɛ n’ano brɛbrɛ?
4 Ɔne wo bɛyɛ apam
Sɛ fa no yɛ akoa afebɔɔ?
5 Wo ne no bɛdi agorɔ sɛ anomaa?
Anaa wode ahoma bɛsɔ ne mu de no ama wo mma mmaa?
6 Wohwɛ a, adwadifoɔ de wɔn nneɛma bɛdi nsesa agye no?
Anaa adwadifoɔ bɛkyɛ no afa?*
8 Fa wo nsa ka no hwɛ;
Wobɛkae ntɔkwa no, na worenyɛ bio da!
9 Woyɛ w’adwene sɛ wobɛtumi akye no a, woredaadaa wo ho.
W’ani bɔ ne so kɛkɛ mpo a, wobɛbɔ hu.*
10 Obiara nni hɔ a ɔbɛpɛ ne ho asɛm akɔgyegye no.
Enti hwan paa na ɔbɛtumi agyina m’anim?+
11 Hwan na wadi kan ama me biribi a enti ɛsɛ sɛ metua no ka?+
Deɛ ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa yɛ me dea.+
12 Merennyae ne nan no ho asɛm ka,
Ne ne kɛseyɛ ne sɛdeɛ wɔyɛɛ no maa ɛyɛɛ nwanwa no.
13 Hwan na ɔbɛtumi aworɔ ne ho wedeɛ?
Ɔbue n’anom a, hwan na ɔbɛtumi awura mu?
14 Hwan na ɔbɛtumi abue n’anom* apono?
Ne se a ɛgu n’anom no yɛ hu.
16 Ɛfemfam so papee,
Na mframa mpo ntumi mfa mu.
17 Ɛtetare so dendeenden;
Ɛfemfam so dendeenden, na worentumi ntete mu.
18 Ɔporo ne hwene mu a, ɛpa gya,
Na n’ani te sɛ adekyeeɛ hann.
19 N’anom pa yerɛwyerɛw;
Ɛtete gya.
20 Wisie firi ne hwene mu ba;
Ɛte sɛ fononoo a wɔde ɛserɛ asɔ gya wɔ mu.
21 Ne home ma gyabidie sɔ kɔɔ,
Na egya pue firi n’anom ba.
22 Ahoɔden wɔ ne kɔn mu paa,
Na wohu no a, wobɛbɔ birim.
23 Ne nam tetare so dendeenden.
Ɛyɛ den te sɛ dadeɛ a wɔanane ama ada; wowae a, ɛnyɛ yie.
25 Sɛ ɔma ne mu so a, akatakyie mpo bɔ hu;
Sɛ ɔpete ne ho a, nkurɔfoɔ adwene tu fra.
27 Dadeɛ yɛ ɛserɛ ma no,
Na kɔbere yɛ dua a awuo ma no.
28 Agyan ntumi mpamo no;
Akoraboɔ yɛ ɛserɛ ma no.
29 Aporibaa yɛ ɛserɛ ma no,
Na sɛ ɔhunu pea a ɛdi ahim a, ɔsere.
31 Ɔma subunu huru sɛ kukuo a ɛsi gya so;
Ɔtɔ po mu a, ɛpu ahuro sɛ ngo a ɛrehuru wɔ kukuo mu.
32 Ɔfa baabi a, na ɛkwan no so ahyerɛn.
Anhwɛ a ɛbɛyɛ wo sɛ subunu afu dwene.
33 Biribiara ne no nsɛ wɔ asaase so;
Sɛdeɛ wɔyɛɛ no no, ɔnsuro hwee.
34 Aboa biara a ɔyɛ ahantan no, ɔpɔkyere n’ani hwɛ no.
Ɔno ne wuram mmoa a wɔn ho yɛ den nyinaa hene.”