Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; ɛkwan a wɔfa so to no: “Nsɛe Me.” Dawid dwom. Miktam. Saa berɛ no na Saul somaa sɛ wɔnkɔtetɛ Dawid fie na wɔnku no.+
59 O me Nyankopɔn, gye me firi m’atamfo nsam;+
Bɔ me ho ban firi wɔn a wɔsɔre tia me no ho.+
2 Gye me firi amumuyɛfoɔ nsam,
Na gye me firi awudifoɔ nsam.
3 Hwɛ! Wɔtetɛ me;+
O Yehowa, ahoɔdenfoɔ to hyɛ me so,
Nanso mentee atua na menyɛɛ bɔne biara.+
4 Mennii mfomsoɔ biara, nanso wɔyɛ ntɛm boaboa wɔn ho sɛ wɔbɛto ahyɛ me so.
Sɛ mefrɛ wo a sɔre na twa w’ani bɛhwɛ me.
5 O asafo Yehowa Nyankopɔn, wone Israel Nyankopɔn.+
Sɔre bɛhwɛ deɛ amanaman no nyinaa reyɛ.
Nkontompofoɔ a wɔn tirim yɛ sum no, nhu wɔn mmɔbɔ.+ (Sela)
6 Wɔba anwummerɛ biara;+
Wɔpɔ sɛ kraman,+ na wɔtwa kuro no ho hyia.+
7 Hwɛ nsɛm a wɔde wɔn ano keka;
Wɔn anom asɛm te sɛ sekan;+
Wɔka sɛ: “Hwan na ɔretie?”+
8 Nanso wo, Yehowa, wobɛsere wɔn;+
Wobɛdi amanaman nyinaa ho fɛ.+
9 O Onyankopɔn, wone m’ahoɔden, na wo na m’ani da wo so;+
Onyankopɔn ne me dwankɔbea.+
10 Onyankopɔn a ɔda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ me no bɛtwitwa agye me;+
Onyankopɔn bɛma m’atamfo ahwe ase ama madi ahurisie.+
11 Nkum wɔn na me man werɛ amfi wo nnwuma.
Wo tumi nti ma wɔmmɔ asesa;
O Yehowa, yɛn kyɛm, ma wɔnhwe ase.+
12 Wɔde wɔn ano yɛ bɔne keka nsɛm,
Enti ma wɔn ahantan nsum wɔn fidie,+
Ɛfiri sɛ wɔdome nkurɔfoɔ na wɔka nnaadaasɛm.
13 Fa abufuo yɛ wɔn pasaa;+
Yɛ wɔn pasaa na wɔn ase nhye;
Ma wɔnhu sɛ Onyankopɔn na ɔdi Yakob so kɔsi asaase ano nohoa.+ (Sela)
14 Ma wɔmmra anwummerɛ;
Ma wɔmpɔ sɛ kraman, na wɔntwa kuro no ho nhyia.+
15 Ma wɔnnantenante basabasa nhwehwɛ wɔn ano aduane;+
Mma wɔmmmee, na mma wɔnnnya baabi nntena.
16 Me deɛ, mɛto w’ahoɔden ho dwom.+
Anɔpa, mede anigyeɛ bɛka wo dɔ a ɛnni hwammɔ no ho asɛm.
Ɛfiri sɛ wone me hintabea+
Ne m’ahohia berɛ mu dwankɔbea.+
17 Wone m’ahoɔden, na wo na mɛto ayeyi nnwom ama wo;+
Onyankopɔn ne me dwankɔbea, Onyankopɔn a ɔda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ me no.+