Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ sɛ wɔmfa asankuo nto. Dawid dwom.
61 O Onyankopɔn, tie me sufrɛ.
Yɛ aso ma me mpaebɔ.+
2 Sɛ m’akoma bubu a,+
Mɛfiri asaase ano nohoa asu afrɛ wo.
Gya me kɔ ɔbotan a ɛware sene me so.+
3 Ɛfiri sɛ wone me dwankɔbea
Ne abandenden a wobɔ me ho ban firi m’atamfo ho.+
4 Mɛsoɛ wo ntomadan mu afebɔɔ;+
Wo ntaban ase na mede bɛyɛ me dwankɔbea.+ (Sela)
5 O Onyankopɔn, wo na woate ɛbɔ a mahyɛ nyinaa.
Woama me agyapadeɛ a wode ma wɔn a wɔsuro wo din.+
6 Wode nna pii bɛka ɔhene nkwa nna ho,+
Na ɔbɛtena hɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ pii so.
7 Ɔbɛtena ahennwa so wɔ Onyankopɔn anim daa;+
Ma ɔdɔ a ɛnni hwammɔ ne nokorɛ mmɛsoɛ no, na abɔ ne ho ban.+
8 Ɛno na mɛto ayeyi nnwom ama wo din daa,+
Na matua me bɔhyɛ adeɛ da biara.+