Dwom
Dawid dwom.
138 Mede m’akoma nyinaa bɛyi wo ayɛ.+
Mɛto ayeyi nnwom
Wɔ anyame foforɔ anim.*
2 Mɛkoto de m’ani akyerɛ w’asɔrefie kronkron no,*+
Na mɛyi wo din ayɛ,+
Wo dɔ a ɛnni hwammɔ ne wo nokorɛdie nti.
Ɛfiri sɛ woama w’asɛm ne wo din so asene biribi foforɔ biara.*
6 Ɛwom sɛ Yehowa korɔn deɛ, nanso n’ani wɔ ahobrɛaseɛfoɔ so,+
Na obi a ɔyɛ ahantan deɛ, ɔhu no wɔ akyirikyiri.+
7 Sɛ menam baabi a asiane wɔ mpo a, wobɛkora me nkwa so.+
Wobɛtene wo nsa wɔ m’atamfo so, wɔn abufuo nti;
Wo nsa nifa bɛgye me nkwa.
8 Yehowa bɛwie deɛ ɔreyɛ ama me no nyinaa.