Dwom
Dawid dwom.
27 Yehowa ne me hann+ ne me nkwagyeɛ.
Hwan na ɛsɛ sɛ mesuro no?+
Yehowa ne abandenden a me nkwa hyɛ ne nsa.+
Hwan na ɛsɛ sɛ me ho popo n’anim?
2 Berɛ a nnebɔneyɛfoɔ baa me so sɛ wɔrebɛkye me awe no,+
M’atamfo ne wɔn a wɔkyiri me no, wɔn na wɔsunti hwehwee ase.
Sɛ ɛko mpo na ɛbɛba a,
Mede me ho bɛto ne so.
4 Adeɛ baako na mesrɛ Yehowa,
Na ɛno na mehwehwɛ akyire kwan;
Ɛne sɛ mɛtena Yehowa fie me nkwa nna nyinaa,+
Na mahwɛ Yehowa papayɛ,
5 Ɔbɛkora me so wɔ ne hintabea ahohia da;+
Ɔde me bɛsie ahintaeɛ wɔ ne ntomadan mu;+
Ɔde me bɛgyina ɔbotan so wɔ sorosoro.+
6 M’atamfo a wɔatwa me ho ahyia no, afei madi wɔn so nkonim;
Mede osebɔ bɛbɔ afɔreɛ wɔ ne ntomadan mu;
Mɛto ayeyi nnwom* ama Yehowa.
8 Meka w’asɛm yi wɔ m’akoma mu sɛ:
“Monhwehwɛ m’anim adom.”
O Yehowa, mɛhwehwɛ w’anim adom.+
Mfa abufuo mpamo w’akoa.
Wone me boafoɔ;+
O me nkwagyeɛ Nyankopɔn, nto me ntwene, na nnya me.
Yehowa so na fa w’ani to.