Yesaia
39 Saa berɛ no, Babilon hene Merodak-Baladan a ɔyɛ Baladan ba no soma maa wɔde nkrataa ne akyɛdeɛ kɔmaa Hesekia,+ ɛfiri sɛ ɔtee sɛ wayare ama ne ho atɔ no.+ 2 Hesekia de anigyeɛ gyee wɔn,* na ɔde n’adekoradan mu nneɛma kyerɛɛ wɔn,+ kyerɛ sɛ, dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne balsam ngo ne ngo pa ne baabi a ɔkora n’akodeɛ nyinaa, ne biribiara a ɛwɔ n’akoraeɛ. Biribiara nni Hesekia fie* ne n’ahemman mu a wamfa ankyerɛ wɔn.
3 Ɛnna odiyifoɔ Yesaia baa Ɔhene Hesekia nkyɛn bɛbisaa no sɛ: “Asɛm bɛn na mmarima yi kaeɛ, na ɛhe na wɔfiri baeɛ?” Na Hesekia buaa sɛ: “Wɔfiri akyirikyiri asaase bi so, wɔfiri Babilon.”+ 4 Na ɔsan bisaa sɛ: “Ɛdeɛn na wɔhuu wɔ wo fie?”* Ɛnna Hesekia kaa sɛ: “Wɔhuu biribiara a ɛwɔ me fie.* Biribiara nni m’akoraeɛ a mamfa ankyerɛ wɔn.”
5 Ɛnna Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ: “Tie asafo Yehowa asɛm yi, 6 ‘Hwɛ! Nna bi reba, na deɛ ɛwɔ wo fie* nyinaa, ne deɛ w’agyanom de asie abɛsi nnɛ nyinaa, wɔbɛfa akɔ Babilon. Biribiara renka,’+ Yehowa na aka.+ 7 ‘Na wɔbɛfa wo ara wo mma a wobɛwo wɔn no mu bi akɔ ama wɔakɔyɛ nhenkwaa wɔ Babilon hene ahemfie.’”+
8 Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: “Yehowa asɛm a woaka no yɛ.” Na ɔtoaa so kaa sɛ: “Ɛfiri sɛ asomdwoeɛ ne ahotɔ* bɛtena hɔ wɔ me berɛ so.”*+