Yesaia
Tena fam, baabi a akonnwa* nnie.+
O Kaldeafoɔ babaa,
Ɛfiri sɛ nkurɔfoɔ renkorɔkorɔ wo, na wɔrennyegye wo so bio da.
Yi adeɛ a ɛkata w’anim no.
Yi wo fam ataadeɛ ma wo nan ho ngu hɔ,
Na twa nsuo no.
3 Wɔbɛyi w’adagya so.
Wɔbɛhunu w’animguaseɛ.
Mɛtua wo ka,+ na onipa biara rentumi nsi me kwan.*
Nanso woanhu wɔn mmɔbɔ.+
Mpanimfoɔ mpo, wode kɔndua a emu yɛ duru too wɔn so.+
7 Wokaa sɛ: “Mɛyɛ Ɔhemmaa* daa.”+
Woannwene deɛ na woreyɛ no ho,
Na woanhwɛ deɛ ɛbɛkɔ akɔwie.
“Obiara ne me nsɛ. M’akyi no, obiara nni hɔ bio.+
Merenyɛ okunafoɔ,
Na me mma renwu da.”+
9 Nanso nneɛma mmienu yi bɛba wo so prɛko pɛ; ɛbɛba da koro:+
Wo mma bɛwuwu na wobɛyɛ okunafoɔ.
10 Wode wo ho too wo bɔne so.
Wokaa sɛ: “Obiara nhu me.”
Wo nyansa ne wo nimdeɛ na ama woayera,
Na woka no wɔ w’akomam sɛ: “Obiara ne me nsɛ. M’akyi no, obiara nni hɔ bio.”
Amanehunu bɛba wo so, na worentumi nsi no kwan.
Ɔsɛeɛ a wonhuu bi da bɛba wo so prɛko pɛ.+
12 Afei kɔ so, yɛ wo kaberekyerɛ na di w’asumansɛm bebrebe no,+
Deɛ wofiri wo mmɔfraase abrɛ ho no.
Ebia ɛbɛboa wo;
Ebia wode bɛbɔ nkurɔfoɔ hu.
13 W’afotufoɔ bebrebe no ama woabrɛ.
Ma wɔnsɔre seesei ara na wɔmmɛgye wo,
Wɔn a wɔsom ɔsoro abɔdeɛ,* wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu,+
Wɔn a wɔhwɛ abosome foforɔ,
A wɔka deɛ ɛbɛba wo so no.
14 Hwɛ! Wɔte sɛ aburoo dua.
Egya bɛhye wɔn.
Wɔrentumi nnye wɔn ho* mfiri egya a ɛredɛre dendeenden no mu.
Wei nyɛ nsramma a wɔde ka wɔn ho hye,
Na ɛnyɛ egya a wɔtena ho.
15 Wei na ɛbɛto wo kaberekyerɛfoɔ no,
Wɔn a wo ne wɔn abrɛ firi wo mmɔfraase no.
Wɔde wɔn tiri bɛpempem; obiara bɛfa ne kwan.*
Obiara nni hɔ a ɔbɛgye wo.+