Yesaia
55 Mommra, mo a nsukɔm de mo nyinaa,+ mommra nsuo ho!+
Mo a monni sika, mommra, mommɛtɔ, na monni!
Mommra, mommɛtɔ nsã* ne nufosuo;+ ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na ɛboɔ biara nna so.+
2 Adɛn nti na mokɔ so te sika tɔ deɛ ɛnyɛ aduane,
Na adɛn nti na mosɛe sika a moabrɛ anya* wɔ biribi a ɛmmee ho?
3 Monyɛ aso na mommra me nkyɛn.+
Montie, na mobɛnya* nkwa,
Na sɛdeɛ ɛteɛ biara me ne mo bɛyɛ daa apam;+
Ɛfa ɔdɔ a ɛnni hwammɔ a mehyɛɛ Dawid bɔ sɛ mɛda no adi akyerɛ no no ho. Saa bɔhyɛ no, sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɛbɛba mu.*+
5 Hwɛ! Wobɛfrɛ ɔman a wonnim wɔn,
Na ɔman a wɔnnim wo de mmirika bɛba wo nkyɛn,
Yehowa wo Nyankopɔn, Israel Kronkronni no nti,+
Ɛfiri sɛ ɔbɛhyɛ wo animuonyam.+
6 Monhwehwɛ Yehowa berɛ a mobɛhu no.+
Momfrɛ no berɛ a ɔbɛn yi.+
Na onipabɔnefoɔ nsakra n’adwene;
Ma ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na ɔbɛhu no mmɔbɔ,+
9 “Na sɛdeɛ ɔsoro korɔn sene asaase no,
Saa ara na m’akwan korɔn sene mo akwan,
Na m’adwene korɔn sene mo adwene.+
10 Sɛdeɛ nsuo ne sukyerɛmma tɔ firi soro gu fam
Na ɛnsan nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔ asaase ma nneɛma fifi na ɛso,
Na ogufoɔ nya aba, na odifoɔ nya aduane no,
Ɛrensan mma me nkyɛn kwa.+
Mmom, sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɛbɛyɛ deɛ mepɛ,+
Na deɛ ɛbɛyɛ biara, ɛbɛwie deɛ enti a mesomaa no no.
Na ɛbɛgye din ama Yehowa,+
Na ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne daa a ɛrensɛe da.”