Hesekiel
22 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Na wo, onipa ba, woayɛ krado sɛ wobɛka atemmusɛm* akyerɛ kuro a ɛka mogya gu no,+ na ama wahu n’akyiwadeɛ nyinaa anaa?+ 3 Ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Kuro a wohwie mogya gu+ a w’awieeɛ reba,+ kuro a ɛyeyɛ abosom fĩ* de gu ne ho fĩ,+ 4 mogya a wohwie guiɛ no ama woadi fɔ,+ na w’abosom fĩ no ama wo ho agu fĩ.+ Woama wo nna abɛn, na wo mfeɛ aba awieeɛ. Ɛno nti, mɛma w’anim agu ase amanaman anim na nsaase nyinaa adi wo ho fɛ.+ 5 Nsaase a ɛbɛn wo ne deɛ ɛwɔ akyirikyiri nyinaa bɛdi wo ho fɛ,+ wo a wo din ho agu fĩ na basabasayɛ ahyɛ wo ma. 6 Hwɛ! Israel mpanimfoɔ a wɔwɔ wo mu no, wɔn mu biara de tumi a ɔwɔ no hwie mogya gu.+ 7 Wo mu na wɔbu agya ne ɛna animtia.+ Wɔsisi ɔhɔhoɔ, na wɔteetee agyanka ne okunafoɔ.”’”+
8 “‘Wobu me kronkronbea animtia, na wogu me home nna ho fĩ.+ 9 Nnipa a wɔsɛe nkurɔfoɔ din a wɔpɛ sɛ wɔhwie mogya gu ahyɛ wo ma.+ Wɔdi nnuane a wɔde bɔ afɔreɛ ma abosom wɔ wo mmepɔ so, na wɔbɔ ahohwibra wɔ wo mu.+ 10 Wo nkurɔfoɔ ne wɔn papa yere da,*+ na ɔbaa a wayɛ bra a ne ho nteɛ na wɔne no da.+ 11 Ɔbarima ne ne yɔnko yere yɛ akyiwadeɛ wɔ wo mu.+ Ɔfoforɔ nso ne ɔno ara n’asebaa* bɔ ahohwibra de gu ne ho fĩ,+ na ɔbarima ne ne nuabaa da, ɔno ara ne papa ba.+ 12 Nkurɔfoɔ gye adanmudeɛ* hwie mogya gu wɔ wo mu.+ Woma bosea gye nsiho+ anaa wode pɛ mfaso bɔne, na wobɔ wo mfɛfoɔ apoo.+ Ampa, wo werɛ afi me koraa,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
13 “‘Hwɛ! Wo mfaso bɔne ne mogyahwieguo a ɛwɔ wo mu nti, mabɔ me nsam agu wo so. 14 Ɛda a mɛba wo so no, wobɛkɔ so ara anya akokoɔduro* na wo nsam akɔ so ayɛ den anaa?+ Me, Yehowa, na maka, na mɛyɛ nso. 15 Mɛbɔ wo ahwete aman so, na mama woahwete akɔ nsaase so,+ na mɛma woagyae ɔbra fĩ* no nyinaa.+ 16 W’anim bɛgu ase wɔ amanaman anim, na wobɛhu sɛ mene Yehowa.’”+
17 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 18 “Onipa ba, Israel fie ayɛ sɛ dwetɛ mu fĩ wɔ m’ani so. Wɔn nyinaa yɛ kɔbere ne sanyaa* ne dadeɛ ne sumpii* wɔ fononoo mu. Wɔayɛ sɛ dwetɛ mu fĩ.+
19 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Ɛsiane sɛ mo nyinaa moayɛ sɛ dwetɛ mu fĩ nti,+ mɛboaboa mo ano wɔ Yerusalem kuro no mu. 20 Sɛdeɛ wɔboa dwetɛ ne kɔbere ne dadeɛ ne sumpii ne sanyaa ano gu fononoo mu, na wɔhu gya no mu ma no nane no, saa ara na mɛboaboa wɔn ano wɔ m’abufuo ne m’aniberɛ mu, na mɛhu gya no mu ama moanane.+ 21 Mɛboaboa mo ano na mahu m’abufuo gya agu mo so,+ na mobɛnane wɔ kuro no mu.+ 22 Sɛdeɛ dwetɛ nane wɔ fononoo mu no, saa ara na mobɛnane wɔ kuro no mu; na mobɛhu sɛ me, Yehowa, na mahwie m’abufuo agu mo so.’”
23 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 24 “Onipa ba, ka kyerɛ no sɛ, ‘Woyɛ asaase a wɔrente ho na nsuo rentɔ ngu so abufuo da. 25 N’adiyifoɔ abɔ pɔ bɔne wɔ kuro no mu+ te sɛ gyata a ɔbobom tete hanam mu.+ Wɔmemene nnipa.* Wɔgye nkurɔfoɔ ademudeɛ ne wɔn agudeɛ firi wɔn nsam. Wɔama akunafoɔ adɔɔso wɔ kuro no mu. 26 N’asɔfoɔ bu me mmara so,+ na wɔkɔ so gu me kronkronbea ho fĩ.+ Wɔmma nkurɔfoɔ nhunu nsonsonoeɛ a ɛda nneɛma a ɛyɛ kronkron ne deɛ ɛnyɛ kronkron ntam.+ Na wɔmma nkurɔfoɔ nhunu deɛ ɛho teɛ ne deɛ ɛho nteɛ.+ Wɔbu wɔn ani gu me home nna so, na wɔgu me ho fĩ wɔ wɔn mu. 27 Ne mu mpanimfoɔ te sɛ mpataku a wɔtete hanam mu; wɔhwie mogya gu, na wɔkum nnipa* de pɛ mfaso bɔne.+ 28 Nanso n’adiyifoɔ de akaadoo asra wɔn nneyɛɛ so. Wɔnya anisoadehunu a ɛnyɛ nokorɛ, wɔhyɛ nkɔm a ɛyɛ atorɔ,+ na wɔka sɛ: “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie,” berɛ a Yehowa nkaa hwee. 29 Ɔman no mufoɔ bɔ nkurɔfoɔ apoo na wɔwia wɔn nneɛma,+ wɔteetee ɔbrɛfoɔ ne ohiani, wɔbɔ ɔhɔhoɔ apoo na wɔmma no nnya atɛntenenee.’
30 “‘Mehwɛɛ sɛ mɛnya ɔbarima bi wɔ wɔn mu a ɔbɛgyina kuro no ananmu asiesie n’afasuo anaa ɔbɛgyina ntokuro a ɛda afasuo no mu wɔ m’anim na mansɛe kuro no,+ nanso mannya obiara. 31 Enti mɛhwie m’abufuo agu wɔn so na mede m’aniberɛ gya no ahye wɔn ase. Mɛma wɔn akwan ho nsunsuansoɔ aba wɔn tiri so,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”