Hesekiel
23 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, ná mmaa mmienu bi wɔ hɔ a wɔn nyinaa firi maame baako.+ 3 Wɔbɛyɛɛ tuutuufoɔ wɔ Egypt;+ wɔsii tuutuu firii wɔn mmabaaberɛ mu pɛɛ. Wɔmiamiaa wɔn nufo wɔ hɔ, na wɔdii wɔn kokom agorɔ berɛ a na wɔyɛ mmaabunu. 4 Ɔpanin no din de Ohola,* na ne nua no de Oholiba.* Wɔbɛyɛɛ me dea, na wɔwoo mma mmarima ne mma mmaa. Edin Ohola no gyina hɔ ma Samaria,+ na Oholiba nso gyina hɔ ma Yerusalem.
5 “Ohola firii m’akyi kɔbɔɔ adwaman.+ Ɔde akɔnnɔ bɔne kɔdii n’adɔfoɔ,+ Asiriafoɔ+ a na wɔbɛn no no akyi. 6 Ebinom yɛ amradofoɔ a wɔhyehyɛ ntaadeɛ a wɔde ntoma bruu ayɛ, ɛnna ebinom nso yɛ asoafoɔ. Wɔn nyinaa yɛ mmeranteɛ ahoɔfɛfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so. 7 Ɔkɔɔ so ne Asiria mmarima a wɔdi mu nyinaa bɔɔ adwaman, na ɔde n’adɔfoɔ no abosom fĩ* nyinaa guu ne ho fĩ.+ 8 Wannyae tuutuu a ɔsii wɔ Egypt no, ɛfiri sɛ wɔne no dae ne mmabaaberɛ mu, na wɔdii ne kokom agorɔ berɛ a na ɔyɛ ɔbaabunu; na wɔde wɔn adwamammɔ dwaree no.+ 9 Enti mede no hyɛɛ n’adɔfoɔ nsa, Asiriafoɔ+ a ɔde akɔnnɔ bɔne dii wɔn akyi no. 10 Wɔyii n’adagya so,+ na wɔkyee ne mma mmarima ne ne mma mmaa kɔe,+ na ɔno nso, wɔde sekan kum no. Ɔgyee dimmɔne wɔ mmaa mu, na wɔbuu no atɛn.
11 “Berɛ a ne nuabaa Oholiba hunuiɛ no, n’akɔnnɔ bɔne no bɛyɛɛ hu senee no, na ɔbɛyɛɛ tuutuuni senee ne nua Ohola koraa.+ 12 Ɔde akɔnnɔ bɔne dii Asiriafoɔ a wɔbɛn no no akyi.+ Ná wɔyɛ amradofoɔ ne asoafoɔ a wɔhyɛ ntaade pa; mmeranteɛ ahoɔfɛfoɔ a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ so. 13 Berɛ a ɔguu ne ho fĩ no, mehuu sɛ wɔn nyinaa afa ɛkwan korɔ no ara so.+ 14 Nanso ne tuutuusie no gyee nsam koraa. Ɔhuu mmarima a wɔayeyɛ wɔn mfoni agu fasuo ho; Kaldeafoɔ a wɔde adukɔkɔɔ ayeyɛ wɔn mfoni. 15 Ná wɔde abɔsoɔ akyekyere wɔn asene, na wɔbobɔ abotire atenten. Wɔn nyinaa te sɛ akofoɔ, na wɔte sɛ Babilonfoɔ a wɔwoo wɔn wɔ Kaldeafoɔ asaase so. 16 Berɛ a n’ani bɔɔ wɔn so ara pɛ, ɔnyaa wɔn ho akɔnnɔ, na ɔsomaa nkurɔfoɔ kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ Kaldea.+ 17 Enti Babilonfoɔ baa ne nkyɛn mprɛ pii ne no bɛdaa wɔ ne mpa so, na wɔde wɔn adwamammɔ guu ne ho fĩ. Berɛ a wɔguu ne ho fĩ wieeɛ no, wɔn ho fonoo no, na ɔtwee ne ho.*
18 “Berɛ a ɔsenee ne kɔn na ɔkɔɔ so sii tuutuu na ɔyii n’adagya so no,+ ne ho yɛɛ me abofono, na metwee me ho firii ne ho sɛdeɛ ne nuabaa ho yɛɛ me abofono maa metwee me ho* firii ne ho no.+ 19 Ɔkɔɔ so ara sii tuutuu,+ na ɔkaee ne mmabaaberɛ mu tuutuu a ɔsii wɔ Egypt asaase so no.+ 20 Ɔnyaa wɔn ho akɔnnɔ te sɛ mmaa a wɔn mpena barima* te sɛ mfunumu ne apɔnkɔ deɛ no. 21 Wo kɔn dɔɔ wo mmabaaberɛ mu ahohwibra a wobɔɔ wɔ Egypt no,+ berɛ a wɔdii wo kokom agorɔ, kyerɛ sɛ, berɛ a wɔdii wo mmabaaberɛ mu nufoɔ ho agorɔ no.+
22 “Enti Oholiba, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Mɛma w’adɔfoɔ a wɔn ho fonoo wo* nti wotwee wo ho firii wɔn ho no aba wo so;+ mede wɔn bɛfiri afã nyinaa aba wo so,+ 23 Babilonfoɔ+ ne Kaldeafoɔ nyinaa,+ Pekod ne Soa ne Koa mmarima,+ ne Asiriafoɔ a wɔka wɔn ho nyinaa. Wɔn nyinaa yɛ mmarima ahoɔfɛfoɔ, amradofoɔ ne asoafoɔ, akofoɔ ne wɔn a wɔahyɛ da afrɛ wɔn; wɔn nyinaa tete apɔnkɔ so. 24 Wɔde nteaseɛnam bebree ne asraafoɔdɔm ne akyɛm akɛseɛ ne akyɛm nketewa* ne dadeɛ kyɛ bɛba wo so. Wɔbɛtwa wo ho ahyia, na mɛma wɔabu wo atɛn sɛdeɛ wɔpɛ.+ 25 Mɛma m’ani abere wo so, na wɔne wo bɛdi no abufuo so. Wɔbɛtwa wo hwene ne w’aso, na wo nkurɔfoɔ a wɔbɛka no, wɔde sekan bɛkunkum wɔn. Wɔbɛfa wo mma mmarima ne wo mma mmaa akɔ, na wɔde gya bɛhye wo nkurɔfoɔ a wɔbɛka no.+ 26 Wɔbɛworɔ wo ntaadeɛ+ na wɔagye w’agudeɛ fɛfɛ no+ afiri wo nsam. 27 Na mɛma woagyae w’ahohwibra ne tuutuu a wofirii aseɛ sii+ no Egypt no.+ Worenhwɛ wɔn bio, na worenkae Egypt bio.’
28 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Hwɛ, mede wo rebɛhyɛ wɔn a wotan wɔn no nsa, wɔn a wɔn ho fonoo wo na wotwee wo ho* firii wɔn ho no nsa.+ 29 Wɔne wo bɛdi no nwonwoonwono na wɔafa deɛ woabrɛ anya nyinaa,+ na wɔbɛgya wo adagya a wonhyɛ hwee. W’adwamammɔ mu adagya bɛda adi na w’ahohwibra ne wo tuutuusie ho ada hɔ.+ 30 Wɔde weinom bɛyɛ wo, ɛfiri sɛ wodii amanaman no akyi te sɛ tuutuuni,+ na wode wɔn abosom fĩ guu wo ho fĩ.+ 31 Deɛ wo nuabaa yɛeɛ no ara bi na woyɛeɛ,+ enti mede ne kuruwa bɛhyɛ wo nsam.’+
32 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:
‘Wobɛnom wo nuabaa no kuruwa a emu dɔ na ɛtrɛ no ano.+
Sereɛ ne afɛdie ayɛ kuruwa no ma, enti wɔbɛsere wo na wɔadi wo ho fɛ.+
33 Wobɛnom wo nuabaa Samaria kuruwa ano,
Wobɛboro, na awerɛhoɔ ahyɛ wo ma,
Nkurɔfoɔ bɛhu wo ama wɔn ho adwiri wɔn, na wɔbɛsɛe wo.
34 Wobɛnom kuruwa a wɔde dɔteɛ ayɛ no ano afefe mu ama no asa;+ kuruwa no bɛbɔ, na wobɛsesa awe,
Na woatete wo nufo.
“Me na maka,” Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.’
35 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Ɛsiane sɛ wo werɛ afi me na womfa me nyɛ hwee* nti,+ w’ahohwibra ne wo tuutuusie ho nsunsuansoɔ bɛba wo tiri so.’”
36 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, wobɛka atemmusɛm akyerɛ Ohola ne Oholiba+ na woaka akyiwadeɛ a wɔayɛ akyerɛ wɔn anaa? 37 Wɔasɛe awareɛ,*+ na mogya wɔ wɔn nsam. Wɔde wɔn abosom fĩ na asɛe awareɛ, na wɔahye wɔn mma a wɔawo wɔn ama me no nso wɔ gya mu* ama wɔn abosom+ adi. 38 Afei, deɛ wɔde yɛɛ me nie: Wɔguu me tenabea kronkron hɔ fĩ saa da no, na wɔguu me home nna ho fĩ. 39 Na berɛ a wɔkunkum wɔn mma de wɔn bɔɔ afɔreɛ maa wɔn abosom fĩ no+ wieeɛ no, wɔbaa me kronkronbea hɔ saa da no ara bɛguu ho fĩ.+ Saa na wɔyɛɛ wɔ me ara me fie. 40 Wɔsomaa obi mpo sɛ ɔnkɔfrɛ mmarima a wɔwɔ akyirikyiri mmra.+ Berɛ a wɔreba no, wodware kekaa w’ani akyi, na wode agudeɛ siesiee wo ho.+ 41 Wotenaa mpa fɛfɛ so,+ na wode ɛpono sii ho,+ na wode m’aduhwam+ ne me ngo+ sisii so. 42 Afei wɔtee nnipa pii a wɔn ho adwo wɔn nne wɔ hɔ; wɔn mu bi yɛ asabofoɔ a wɔde wɔn firii serɛ so bae. Wɔde agudeɛ* guu mmaa no nsa, na wɔde abotire fɛfɛ bobɔɔ wɔn ti.
43 “Deɛ wasɛe awareɛ ara abrɛ no, mekaa ne ho asɛm sɛ: ‘Ɔbɛkɔ so ara asi tuutuu no.’ 44 Enti wɔbaa ne nkyɛn mprɛ pii sɛdeɛ obi kɔ tuutuuni nkyɛn no ara. Saa na wɔbaa mmaa ahohwifoɔ Ohola ne Oholiba nkyɛn. 45 Na mmarima a wɔtene de awaresɛeɛ+ ne mogyahwiegu+ ho atemmuo a ɛfata bɛma no; ɛfiri sɛ wɔyɛ mmaa awaresɛefoɔ, na wɔdi mogya ho fɔ.*+
46 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Mɛma asraafoɔ aba wɔn so, na wɔbɛma wɔn ho ayɛ hu na wɔafa wɔn sɛ nneɛma a wɔanya no ɛko mu.+ 47 Asraafoɔ no bɛsi wɔn aboɔ,+ na wɔde sekan atwitwa wɔn mu. Wɔbɛkunkum wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa,+ na wɔde gya bɛhye wɔn afie.+ 48 Mɛtu ahohwibra ase afiri asaase no so, na mmaa nyinaa bɛsua biribi afiri mu na wɔammɔ mo ahohwibra no bi.+ 49 Na wɔde mo ahohwibra ne bɔne a mo abosom fĩ no maa moyɛeɛ no ho nsunsuansoɔ bɛba mo tiri so; na mobɛhu sɛ mene Awurade Tumfoɔ Yehowa.’”+