Hesekiel
24 Afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du no da a ɛtɔ so du no, Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, twerɛ da yi* to hɔ, saa da yi ara. Babilon hene ato ahyɛ Yerusalem so saa da yi ara.+ 3 Bu atuatefoɔ* yi bɛ, na ka kyerɛ wɔn sɛ:
“‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:
“Fa dadesɛn* si gya so na hwie nsuo gu mu.+
4 Fa nam a wɔatwitwa*+ a ɛyɛ akɔnnɔ no biara bi gu mu;
Fa srɛ ne basa, ne nnompe a ɛyɛ akɔnnɔ paa nso hyɛ no ma.
5 Fa odwan a ɔdi mu paa,+ na hyehyɛ anyina wɔ dadesɛn no ase nyinaa.
Fa nnompe no ka nam a wɔatwitwa* no ho, na noa ma no mmen.”’
6 “Na deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:
‘Mogyahwieguo kuro, due,+ dadesɛn a emu awe nnaakyen a emu nnaakyen mfirii mu!
Yi nam a wɔatwitwa* no firi mu mmaako mmaako;+ mmɔ so ntonto.
7 Mogya a kuro yi aka agu no da so ara wɔ ne mfimfini;+ ɔde guu ɔbotan kwaboo so.
Wamfa angu fam amfa dɔteɛ ankata so.+
8 Deɛ ɛbɛyɛ a mɛtua ne so ka wɔ m’abufuo mu nti,
Mede ne mogya agu ɔbotan kwaboo so
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛhunu.’+
9 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:
‘Mogyahwieguo kuro, due!+
Mɛhyehyɛ anyina no ama no adɔɔso.
10 Fa anyina bebree gu aseɛ, na twa gya tom,
Na noa nam no ma no mmen yie. Hwie ho nsuo no, na ma nnompe no nhye tumm.
11 Afei fa kɔbere dadesɛn a hwee nnim no si nnyasramma no so ma no nnɔ
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛdɔ kɔɔ.
Emu fĩ bɛnane afiri mu,+ na emu nnaakyen ahye.
To ɛne ne nnaakyen no nyinaa gu gya mu!’
13 “‘W’ahohwibra nti na wo ho guu fĩ.+ Meyɛɛ sɛ mɛma wo ho ate, nanso wo ho ante amfiri wo bra fĩ* no ho. Enti wo ho rente kɔsi sɛ m’abufuo a mede aba wo so no ano bɛbrɛ ase.+ 14 Me, Yehowa, na maka. Ɛbɛba mu. Biribiara rentumi nsi me kwan, merenhu wo mmɔbɔ, na merennu me ho.+ Wɔbɛbu wo atɛn sɛdeɛ w’akwan ne wo nneyɛɛ teɛ,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”
15 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 16 “Onipa ba, mɛbɔ wo dɔfo afiri hɔ prɛko pɛ.+ Nni awerɛhoɔ,* nsu, na ntwa adwo. 17 Gu ahome komm, na nyɛ ayie.+ Bɔ w’abotire+ na hyɛ wo mpaboa.+ Nkata wo mfemfem so,*+ na nni paanoo a nkurɔfoɔ de bɛbrɛ wo.”*+
18 Mekasa kyerɛɛ ɔman no anɔpa, na me yere wuu anwummerɛ. Berɛ a adeɛ kyee anɔpa no, medii ahyɛdeɛ a wɔde maa me no nyinaa so. 19 Ɛnna ɔman no bisaa me sɛ: “Deɛ woreyɛ yi, sɛ ɛfa yɛn ho a, adɛn nti na wonka nkyerɛ yɛn?” 20 Na mebuaa wɔn sɛ: “Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, 21 ‘Ka kyerɛ Israel fie sɛ: “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Me tenabea kronkron a mode hoahoa mo ho dendeenden no, deɛ mo ani gye ho a ɛda mo akoma so* no, merebɛgu ho fĩ.+ Mo mma mmarima ne mo mma mmaa a mogyaa wɔn akyire no, wɔde sekan bɛkunkum wɔn.+ 22 Na mobɛyɛ sɛdeɛ mayɛ yi ara. Morenkata mo mfemfem so, na morenni paanoo a nkurɔfoɔ de bɛbrɛ mo.+ 23 Mobɛbobɔ mo abotire, na moahyehyɛ mo mpaboa. Morenni awerɛhoɔ, na morensu. Mmom, mobɛporɔ atete wɔ mo bɔne mu,+ na mobɛgu ahome akyerɛ mo ho mo ho. 24 Mede Hesekiel ayɛ sɛnkyerɛnne ama mo.+ Deɛ wayɛ nyinaa, mo nso mobɛyɛ bi. Na sɛ ɛba mu a, mobɛhu sɛ mene Awurade Tumfoɔ Yehowa.’”’”
25 “Onipa ba, mɛyi wɔn dwankɔbea no afiri hɔ, kyerɛ sɛ, adeɛ a ɛyɛ fɛ a wɔdi ho ahurisie, deɛ wɔn ani gye ho, deɛ ɛda wɔn akoma* so no. Mɛyi wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa nso afiri hɔ.+ Ɛda a mɛyɛ saa no, 26 obi a wanya ne tiri adidi mu bɛba abɛbɔ wo amanneɛ.+ 27 Saa da no, wobɛbue w’ano akasa akyerɛ deɛ wanya ne tiri adidi mu no, na worenyɛ dinn bio.+ Mede wo bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama wɔn, na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.”