Hesekiel
25 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Ammonfoɔ,+ na hyɛ nkɔm tia wɔn.+ 3 Ka kyerɛ Ammonfoɔ sɛ, ‘Montie Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm. Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Ɛsiane sɛ wokaa sɛ Ɔtwea! berɛ a wɔguu me tenabea kronkron ho fĩ, ne berɛ a Israel asaase daa mpan, ne berɛ a wɔtuu Yuda fie ase kɔeɛ nti, 4 mede wo bɛma Apueeɛ Famfoɔ ama wɔadi wo so. Wɔbɛba abɛkyekyere wɔn asoɛeɛ na wɔasisi wɔn ntomadan wɔ w’asaase so. Wɔbɛdi wo nnɔbaeɛ, na wɔanom wo nufosuo. 5 Mɛma Raba+ adane yoma adidibea, na Ammonfoɔ asaase adane nnwan ahomegyebea; na mobɛhu sɛ mene Yehowa.”’”
6 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Ɛsiane sɛ wobɔɔ wo nsam+ de wo nan pempem hɔ dii ahurisie na wodii* Israel asaase ho fɛ yayaaya nti,+ 7 mɛtene me nsa wɔ wo so, na mede wo bɛma amanaman sɛ nneɛma a wɔsesa wɔ ɛko mu. Mɛtwa wo afiri aman mu na matɔre w’ase afiri nsaase so.+ Mɛsɛe wo pasaa na wobɛhu sɛ mene Yehowa.’
8 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Moab+ ne Seir+ kaa sɛ, “Hwɛ! Yuda fie te sɛ aman a aka no nyinaa.” 9 Ɛno nti mɛma nkuro a ɛwɔ Moab nkyɛnmu no ho ada hɔ, nkuro a ɛyɛ fɛ te sɛ Bet-Yesimot, Baal-Meon, de kɔsi Kiriataim.+ 10 Mede wɔn bɛka Ammonfoɔ ho ama Apueeɛ Famfoɔ adi wɔn so,+ na wɔrenkae Ammonfoɔ bio wɔ amanaman no mu.+ 11 Na mɛbu atɛn wɔ Moab,+ na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.’
12 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Edom tuaa Yuda fie so ka, na wɔnam so yɛɛ bɔne kɛseɛ tiaa wɔn;+ 13 ɛno nti, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Me nso mɛtene me nsa wɔ Edom so, na mɛtwa nnipa ne nyɛmmoa afiri asaase no so, na mama no ada mpan.+ Ɛfiri Teman kɔsi Dedan nyinaa, wɔbɛwuwu sekan ano.+ 14 ‘Na menam me man Israel nsa so bɛtua Edomfoɔ bɔne so ka.+ Wɔde m’abufuo ne m’aniberɛ bɛba Edom so, na Edomfoɔ bɛhunu sɛdeɛ matua wɔn bɔne so ka,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”’
15 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Ɛsiane sɛ Filistifoɔ tan wɔn daa nti, wɔpɛ sɛ wɔfa kwammɔne so* tua wɔn so ka na wɔsɛe wɔn.+ 16 Ɛno nti, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mɛtene me nsa wɔ Filistifoɔ so,+ na mɛtwa Keretifoɔ afiri hɔ,+ na masɛe nnipa a aka a wɔtete mpoano no.+ 17 Na mede abufuo kɛseɛ bɛtua wɔn bɔne so ka de atwe wɔn aso, na sɛ metua wɔn bɔne so ka a, wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.”’”