Hesekiel
26 Afe a ɛtɔ so 11, bosome no da a ɛdi kan no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, Tiro akasa atia Yerusalem+ sɛ, ‘Ɔtwea! Wɔabubu amanaman no pono no!+ Afei biribiara bɛba abɛdi me nsam. Seesei a wɔasɛe no yi, mɛyɛ ɔdefoɔ.’ 3 Wei nti, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Tiro, me ne wo wɔ asɛm, na mede aman pii bɛba wo so sɛdeɛ ɛpo bɔ n’asorɔkye ba no. 4 Wɔbɛsɛe Tiro afasuo na wɔadwiri n’aban agu,+ na mɛwerɛwerɛ ne ho dɔteɛ ama no ayɛ botan kwaboo. 5 Ɔbɛdane baabi a wɔhata asau wɔ ɛpo mfimfini.’+
“Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Me na maka, na amanaman bɛfa Tiro sɛ nneɛma a wɔasesa no ɛko mu. 6 Na wɔde sekan bɛkunkum nkurɔfoɔ a wɔwɔ ne nkuraaseɛ* a atwa ne ho ahyia no, na nnipa bɛhu sɛ mene Yehowa.’
7 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Mɛma Babilon hene Nebukadnesar* afiri atifi fam aba Tiro so.+ Ɔyɛ ahemfo mu hene,+ na ɔde apɔnkɔ+ ne nteaseɛnam+ ne asraafoɔ a wɔtete apɔnkɔ so ne asraafoɔdɔm kɛseɛ* na ɛbɛba. 8 Nnipa a wɔwɔ nkuraaseɛ a atwa wo ho ahyia no, ɔde sekan bɛkunkum wɔn, ɔbɛgye ban atwa wo ho ahyia na wato akoban,* na ɔde kyɛm kɛseɛ aba wo so. 9 Ɔde n’afidie* bɛdwiri w’afasuo na ɔde n’akuma* abubu w’aban. 10 N’apɔnkɔ bɛdɔɔso ara ama ɛbɛma mfuturo akata wo so. Sɛ ɔfa w’apono mu ba wo so a, wɔn a wɔtete apɔnkɔ so ne ntwahonan ne nteaseɛnam no nnyegyeeɛ bɛma w’afasuo awoso; ɛbɛyɛ te sɛ deɛ mmarima abɔ awura kuro a n’afasuo abubu mu. 11 Ɔde n’apɔnkɔ nan bɛtiatia w’akwantempɔn nyinaa so;+ ɔde sekan bɛkunkum wo nkurɔfoɔ, na w’adum akɛseɛ no ahwehwe fam. 12 Wɔbɛfa w’ahodeɛ na wɔafom nneɛma a wotɔn,+ wɔbɛbubu w’afasuo na wɔadwiri w’adan fɛfɛ no agu; afei wɔde w’aboɔ, nneɛma a wode nnua ayɛ, ne wo dɔteɛ bɛgu nsuo mu.’
13 “‘Mɛma wo nnwontoɔ gyegyeegye no agyae, na wɔrente w’asankuo nnyegyeeɛ bio.+ 14 Mɛma woayɛ ɔbotan kwaboo, na woadane baabi a wɔhata asau.+ Wɔrensan nkyekyere wo sɛ kuro bio. Me, Yehowa, na maka,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
15 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ Tiro nie: ‘Sɛ wohwe ase, na wɔn a wɔrewuwu* no penepene, na wɔkunkum wo mu nnipa, na sɛ nsupɔ no te a, wɔn ho rempopo anaa?+ 16 Ɛpo so aberempɔn* nyinaa bɛfiri wɔn adwa so asisi fam, na wɔbɛyiyi wɔn ntaadeɛ* ne wɔn ntoma a wɔadi mu adwini no agu hɔ, na wɔn ho bɛpopo.* Wɔbɛtenatena fam na wɔn ho apopo saa ara, na wɔatɛɛ wɔn anom ahwɛ wo.+ 17 Na wɔbɛto wo ho awerɛhoɔ dwom*+ na wɔaka akyerɛ wo sɛ:
“Kuro a wɔn a wɔte po so bɛtenaa wo mu, kuro a wɔkamfoo wo, hwɛ sɛdeɛ woahwe ase;+
Wo ne wɔn a wɔtete wo mu no, na mo ho yɛ den wɔ ɛpo so,+
Momaa asaase sofoɔ nyinaa bɔɔ hu!
19 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Sɛ mesɛe wo te sɛ nkuro a obiara nte mu, na mema ɛpo asorɔkye kata wo so na nsuo pii yiri fa wo so+ a, 20 mede wo bɛka wɔn a wɔrekɔ amena* mu no ho, na woakɔka wɔn a wɔtenaa ase teteete no ho; mɛma wo ne wɔn a wɔrekɔ amena mu no atena asaase ase tɔnn,+ baabi a ɛte sɛ tete mmeaeɛ a ada mpan no, na obiara rentena wo mu bio. Na mɛhyɛ ateasefoɔ asaase animuonyam.*
21 “‘Mɛma ehu atɔ wo so mpofirim, na worentena hɔ bio.+ Nnipa bɛhwehwɛ wo, nanso wɔrenhu wo bio da,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”