Hesekiel
27 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, to Tiro ho awerɛhoɔ dwom.*+ 3 Ka kyerɛ Tiro sɛ,
‘Wo a wote ɛpo aboboano,
Odwadini a wo ne nsupɔ pii di dwa,
Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:
“O Tiro, wo ara na wokaa sɛ, ‘M’ahoɔfɛ wie pɛyɛ.’+
6 Basan adum na wɔde yɛɛ w’atabono.
Kitim+ nsupɔ so kwabɔhorɔ dua a wɔde asonse* asiesie ho na wɔde yɛɛ w’anim.
7 Egypt ntoma a wɔde kɔla ahodoɔ ayɛ na wɔde yɛɛ wo mframatoma,
Na ahoma bruu ne ntoma kɔkɔɔ a ɛfiri Elisah+ nsupɔ so na wɔde yɛɛ wo nkatasoɔ.
8 Sidonfoɔ ne Awadfoɔ+ na wɔharee w’ahyɛn.
O Tiro, wo ara w’animdefoɔ na wɔbɛyɛɛ w’ahyɛn mu adwumayɛfoɔ.+
9 Gebal mpanimfoɔ a wɔnim adwuma+ ne emu animdefoɔ na wɔtuatuaa w’ahyɛn mu ntokuro.+
Ɛpo so ahyɛn ne emu adwumayɛfoɔ nyinaa baa wo nkyɛn ne wo bɛdii dwa.
10 Persia ne Lud ne Put mmarima+ bɛyɛɛ w’asraafoɔ, w’akofoɔ.
Wɔde wɔn akyɛm ne wɔn dadeɛ kyɛ sensɛn wo ho, na wɔmaa wonyaa animuonyam.
11 Awadfoɔ a wɔyɛ w’asraafoɔ twaa w’afasuo ho hyiae,
Na mmarima akokoɔdurofoɔ na wɔwɛn w’aban so.
Wɔde akyɛm sensɛn w’afasuo ho hyiae,
Na wɔmaa w’ahoɔfɛ wiee pɛyɛ.
12 “‘“Ahodeɛ pii a wowɔ nti,+ Tarsis+ ne wo dii dwa. Wode wo nneɛma maa no de gyee ne dwetɛ, dadeɛ, sanyaa,* ne sumpii.*+ 13 Na Yawan, Tubal,+ ne Mesek+ ne wo dii dwa. Nneɛma a wotɔn no, wode maa wɔn de gyee nkoa+ ne nneɛma a wɔde kɔbere ayɛ. 14 Wɔde apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ firii Togarma fie+ brɛɛ wo de bɛgyee wo nneɛma. 15 Dedanfoɔ+ ne wo dii dwa; na wofaa nkurɔfoɔ maa wɔdii dwa wɔ nsupɔ bebree so maa wo; asonse+ ne dua tuntum a ne boɔ yɛ den* na wɔde tuaa wo ka. 16 Nneɛma dodoɔ a wotɔn nti, Edomfoɔ ne wo dii dwa. Na wode wo nneɛma maa wɔn de gyee nsrammaboɔ, ntoma kɔkɔɔ, ntoma a wɔde kɔla ahodoɔ anwene, ntoma pa, ɛpo mu abohene, ne aboɔden aboɔ kɔkɔɔ.
17 “‘“Wo ne Yuda ne Israel dii dwa. Wode w’adwadeɛ maa wɔn de gyee+ hwiit a ɛfiri Minit,+ aduane pa, ɛwoɔ,+ ngo, ne balsam aduhwam.+
18 “‘“Nneɛma dodoɔ a wotɔn ne w’ahonyadeɛ nyinaa nti, Damasko+ ne wo dii dwa. Ɔtɔn Helbon nsã* ne odwan nwi a ɛfiri Sahar* maa wo. 19 Wedan ne Yawan firi Usal bae na wɔne wo bɛdii dwa. Wɔde dadeɛ nneɛma, kasia dua,* ne sibire hwamhwam* brɛɛ wo de gyee w’adwadeɛ. 20 Ntoma* a wɔde to apɔnkɔ so tena so no, ɛno na Dedanfoɔ+ de maa wo gyee wo nneɛma. 21 Wofaa Arabiafoɔ ne Kedar aberempɔn+ nyinaa maa wɔtɔn nnwan mma, adwennini, ne mpɔnkye maa wo.+ 22 Saba ne Raama+ adwadifoɔ ne wo dii dwa; wode wo nneɛma maa wɔn de gyee nnuhwam a ɛyɛ papa, aboɔden aboɔ nyinaa bi, ne sika kɔkɔɔ.+ 23 Wo ne Haran,+ Kane, Eden,+ adwadifoɔ a wɔfiri Saba,+ Asur,+ ne Kilmad dii dwa. 24 Wɔne wo dii dwa, na wɔde ntaadeɛ fɛfɛ, ngugusoɔ a wɔde ntoma bruu ne ntoma a wɔde kɔla ahodoɔ anwene baa wo dwa so; ɛne kapɛt a wɔde kɔla ahodoɔ ayɛ. Wɔde nhoma bɔɔ ne nyinaa mu kyekyeree no dendeenden bae.
26 Wɔn a wɔhare wo no de wo aba ɛpo bunu mu;
Apueeɛ mframa abubu wo wɔ ɛpo mfimfini tɔnn.
27 W’ahonyadeɛ, wo nneɛma, w’adwadeɛ, w’ahyɛn mufoɔ, ne emu adwumayɛfoɔ,
Wɔn a wɔtuatua w’ahyɛn mu ntokuro, w’adwadifoɔ+ ne w’akofoɔ nyinaa+
—W’asafodɔm ne wɔn a wɔwɔ wo mu nyinaa—
Da a wobɛhwe ase no, wɔn nyinaa bɛmem wɔ ɛpo mfimfini.+
28 Sɛ wo hyɛn mu adwumayɛfoɔ team a, mpoano nsaase bɛwoso.
29 Wɔn a wɔkura atabono, ahyɛn mufoɔ, ne ɛpo so adwumayɛfoɔ nyinaa
Bɛsisi afiri wɔn ahyɛn mu abɛgyinagyina asaase kesee so.
32 Na wɔbɛto wo ho awerɛhoɔ dwom* abɔ bena sɛ:
‘Hwan na ɔte sɛ Tiro a seesei wɔama no ayɛ komm wɔ ɛpo mfimfini yi?+
33 Berɛ a w’adwadeɛ firi ɛpo so bae no, womaa aman pii nyaa deɛ wɔpɛ.+
W’ahonyadeɛ ne w’adwadeɛ pii no maa asaase so ahemfo nyaa wɔn ho.+
35 Nsupɔ sofoɔ nyinaa bɛtɛɛ wɔn anom ahwɛ wo,+
Na ehu bɛma wɔn ahemfo ho apopo;+ obiara bɛnyinya n’anim.
36 Deɛ ato wo nti, adwadifoɔ a wɔfiri aman hodoɔ so bɛbɔ wo so hwerɛma.
W’awieeɛ bɛba mpofirim na ɛbɛyɛ hu,
Na wɔrenhu wo bio da biara da.’”’”+