Hesekiel
28 Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 2 “Onipa ba, ka kyerɛ panin a ɔda Tiro ano no sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:
“Ɛsiane sɛ w’akoma ama ne ho so nti,+ woka sɛ, ‘Meyɛ onyame.
Mete anyame adwa so wɔ ɛpo mfimfini,’*+
W’akomam deɛ, wote nka sɛ woyɛ onyame,
Nanso woyɛ onipa, na wonyɛ onyame.
3 Hwɛ, wonim nyansa sene Daniel.+
Ahintasɛm biara nni hɔ a wɔde asie wo.
6 “‘Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:
“Ɛsiane sɛ wote nka wɔ w’akomam sɛ woyɛ onyame nti,
7 Mede ahɔhoɔ reba wo so, atirimuɔdenfoɔ a wɔwɔ amanaman no mu,+
Na wɔbɛtwe wɔn sekan de asɛe wo nyansa bebrebe no
Na wɔasɛe w’animuonyam.+
9 Wobɛkɔ so aka akyerɛ deɛ ɔreku wo no sɛ, ‘Meyɛ onyame?
Worenyɛ onyame, mmom wobɛyɛ onipa kɛkɛ wɔ wɔn a wɔregu wo ho fĩ no nsam.”’
11 Na Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 12 “Onipa ba, to Tiro hene ho awerɛhoɔ dwom,* na ka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:
13 Ná wote Eden, Onyankopɔn turom.
Wɔde abohene nyinaa bi siesiee wo
—Abohene kɔkɔɔ, topas abohene, ahwehwɛboɔ, sikabereɛboɔ, abohene tuntum, abohene ahabammono, hoaboɔ, nsrammaboɔ,+ ne ahabammonoboɔ;
Sika kɔkɔɔ na wɔde yɛɛ nsiaseɛ ne nsisoɔ de aboɔ yi nyinaa tetaree so.
Da a mebɔɔ wo no, saa da no na meyɛɛ ne nyinaa.
14 Mede wo sii hɔ sɛ kerubim a wɔasra no a watrɛ ne ntaban mu.*
Onyankopɔn bepɔ kronkron so na na woteɛ,+ na egya aboɔ ntam na wonanteeɛ.
Enti mɛtu wo sɛ abusudeɛ afiri Onyankopɔn bepɔ so.+
O kerubim a woatrɛ wo ntaban mu,* mɛtu w’ase na woannante egya aboɔ no ntam bio.
17 W’ahoɔfɛ nti, w’akoma ama ne ho so.+
Na w’animuonyam nti, woasɛe wo nyansa.+
Mɛto wo atwene asaase so.+
Mede wo bɛgyina ahemfo anim ama wɔahwɛ wo.
18 W’amumuyɛ dodoɔ ne w’adwadie bɔne nti, woagu wo kronkronbea ho fĩ.
Mɛma gya afiri wo mu aba, na ɛbɛhye wo.+
Mɛma woadane nsõ wɔ asaase so wɔ wɔn a wɔrehwɛ wo no nyinaa anim.
19 Aman hodoɔ mufoɔ a wɔnim wo nyinaa bɛtɛɛ wɔn anom ahwɛ wo.+
W’awieeɛ bɛba mpofirim na ɛbɛyɛ hu,
Na wɔrenhu wo bio da biara da.”’”+
20 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 21 “Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Sidon+ na hyɛ nkɔm tia no. 22 Na ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:
“O Sidon, me ne wo wɔ asɛm, na mɛhyɛ me ho animuonyam wɔ wo mu.
Na sɛ mebu no atɛn ma me din ho te a, nnipa bɛhu sɛ mene Yehowa.
23 Mɛma nsanyareɛ a ɛdi awuo aba ne so na mogya asene afa ne mmɔnten so.
Sɛ sekan ba ne so wɔ afã nyinaa a, nnipa bɛwuwu wɔ ne mu;
Na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.+
24 Afei hwerɛmo bɔne ne nkaasɛɛ a ano yɛ ya biara,+ kyerɛ sɛ, wɔn a wɔdi wɔn ho fɛ no rentwa Israel fie ho nhyia bio; na nnipa bɛhu sɛ mene Awurade Tumfoɔ Yehowa.”’
25 “‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Sɛ mesan boaboa Israel fie ano firi aman a wɔahwete wɔn kɔ so no mu+ a, me din ho bɛte wɔ amanaman no anim.+ Na wɔbɛtena wɔn asaase so;+ asaase a mede maa m’akoa Yakob no.+ 26 Wɔbɛtena so dwoodwoo+ na wɔasisi adan ayeyɛ bobe mfuo.+ Sɛ mebu wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia a wɔdi wɔn ho fɛ no atɛn+ a, wɔbɛtena ase dwoodwoo; na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn.”’”