Hesekiel
29 Afe a ɛtɔ so du, bosome a ɛtɔ so du no da a ɛtɔ so 12 no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, dane w’ani kyerɛ Egypt hene Farao na hyɛ nkɔm tia ɔne Egypt nyinaa.+ 3 Ka kyerɛ no sɛ: ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:
“Hwɛ, me ne wo anya, Egypt hene Farao,+
Asuboa kɛseɛ a woda wo Nil* asuasu mu,+
Wo a woka sɛ, ‘Asubɔnten Nil yɛ me dea,
Me ara na meyɛeɛ.’+
4 Nanso mede akɔtɔkorɔ bɛhyehyɛ w’afono mu na mama w’asubɔnten Nil mu mpataa afemfam w’abena ho.
Mɛyi wo ne mpataa a ɛfemfam w’abena ho no nyinaa afiri Nil mu.
5 Mɛgya wo ne w’asubɔnten Nil mu mpataa nyinaa agu serɛ so.
Wobɛkɔ akɔtɔ wuram wɔ petee mu, na wɔrentase wo na wɔremmoa w’ano.+
Mede wo bɛma wuram mmoa ne wiem nnomaa sɛ aduane.+
6 Na Egyptfoɔ nyinaa bɛhu sɛ mene Yehowa,
Ɛfiri sɛ wɔnyɛ poma mma Israel fie bio, na mmom wɔyɛ demmire.*+
7 Berɛ a wɔsɔɔ wo nsa no, wo mu buiɛ,
Na womaa wɔn mmati hwinhwaneeɛ.
8 “‘Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mede sekan reba wo so,+ na mɛtwitwa nnipa ne mmoa nyinaa afiri wo mu. 9 Egypt asaase bɛsɛe adane amamfo,+ na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa, ɛfiri sɛ woaka* sɛ, ‘Asubɔnten Nil yɛ me dea; me ara na meyɛeɛ.’+ 10 Enti me ne wo ne w’asubɔnten Nil anya, na mɛma Egypt asaase asɛe, na ɛso awo, na ada mpan+ afiri Migdol+ akɔsi Sine+ ne Etiopia ahyeɛ so. 11 Onipa anaa ayɛmmoa biara nan remfa so,+ na wɔrentena so mfeɛ 40. 12 Mɛma Egypt asaase adane amamfo mu amamfo; na ne nkuro bɛsɛe koraa na ada mpan mfeɛ 40;+ na mɛbɔ Egyptfoɔ ahwete aman so na mabɔ wɔn apansam nsaase so.”+
13 “‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mfeɛ 40 no ba awieeɛ a, mɛboaboa Egyptfoɔ ano afiri aman a wɔbɔɔ wɔn pansam so no mu.+ 14 Mede Egyptfoɔ a wɔtuu wɔn firii wɔn asaase so no bɛsan aba wɔn kurom wɔ Patros asaase so,+ na wɔbɛyɛ ahennie a ɛnni animuonyam. 15 Ahennie a aka no bɛyɛ kɛseɛ asene Egypt, na ɛremma ne ho so wɔ aman a aka no so bio,+ na mɛma wayɛ ketewa na wanhyɛ amanaman no so.+ 16 Israel fie remfa wɔn ho nto ne so bio,+ na mmom ɛbɛma wɔakae bɔne a wɔyɛeɛ sɛ wɔkɔhwehwɛɛ mmoa firii Egypt hɔ no. Na wɔbɛhu sɛ mene Awurade Tumfoɔ Yehowa.”’”
17 Afe a ɛtɔ so 27, bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 18 “Onipa ba, Babilon hene Nebukadnesar*+ maa n’asraafoɔ kɔyɛɛ adwuma kɛseɛ tiaa Tiro.+ Na etire nyinaa so pae, na mmatire nyinaa ho worɔworɔeɛ. Nanso ɔne n’asraafoɔ no annya akatua biara amfiri dwuma a wɔkɔdii Tiro no mu.
19 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Mede Egypt asaase bɛhyɛ Babilon hene Nebukadnesar nsa;+ ɔbɛfa n’ahodeɛ na wafom emu nneɛma nyinaa; ɛno na ɛbɛyɛ n’asraafoɔ no akatua.’
20 “‘Mede Egypt asaase bɛma no de atua adwuma a ɔyɛ tiaa no* no ho ka, ɛfiri sɛ wɔyɛ maa me,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
21 “Saa da no, mɛma Israel fie anya ahoɔden,*+ na mɛma wo kwan ama woakasa wɔ wɔn mu; na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.”