Hesekiel
33 Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, wo ne wo man mma nkasa+ na ka kyerɛ wɔn sɛ,
“‘Fa no sɛ mede sekan reba asaase bi so,+ ɛnna asaase no sofoɔ nyinaa ayɛ anokorɔ ayi ɔbarima bi sɛ wɔn wɛmfoɔ; 3 berɛ a ɔhuu sɛ sekan no reba asaase no so no, ɔbɔɔ abɛn de bɔɔ ɔman no kɔkɔ.+ 4 Sɛ obi te abɛn no na wantie kɔkɔbɔ no,+ na sɛ sekan no bɛku no* a, ɔbɛdi ɔno ara ne mogya ho fɔ.*+ 5 Ɔtee abɛn no, nanso wantie kɔkɔbɔ no. Enti ɔbɛdi ɔno ara ne mogya ho fɔ.* Sɛ ɔtiee kɔkɔbɔ no a, anka ɔbɛgye ne ho* nkwa.
6 “‘Na sɛ ɔwɛmfoɔ no hu sɛ sekan no reba na wammɔ abɛn+ amfa ammɔ ɔman no kɔkɔ na sekan no bɛkum wɔn mu baako* a, ɔno deɛ, ne bɔne nti na ɔbɛwuo, nanso ɔwɛmfoɔ no nsam na mɛbisa ne mogya afiri.’*+
7 “Na wo, onipa ba, mede wo ayɛ Israel fie wɛmfoɔ, enti tie m’anom asɛm na bɔ wɔn kɔkɔ ma me.+ 8 Sɛ meka kyerɛ ɔbɔnefoɔ sɛ, ‘Ɔbɔnefoɔ, owuo na wobɛwuo,’+ na woankasa ankyerɛ ɔbɔnefoɔ no ammɔ no kɔkɔ amma no annyae ne bɔne a, ɔbɛwu ne bɔne mu,+ nanso ne mogya deɛ, mɛbisa afiri wo hɔ. 9 Na sɛ wobɔ ɔbɔnefoɔ kɔkɔ sɛ ɔnsan mfiri ne kwammɔne so na wansesa a, ɔbɛwu ne bɔne mu,+ na wo deɛ, wobɛgye wo ho* nkwa.+
10 “Na wo, onipa ba, ka kyerɛ Israel fie sɛ, ‘Moka sɛ: “Yɛn atuateɛ ne yɛn bɔne mu yɛ duru wɔ yɛn so na ama yɛresɛe,+ enti yɛbɛyɛ dɛn anya nkwa?”’+ 11 Ka kyerɛ wɔn sɛ, Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie: ‘“Mete ase yi, m’ani nnye ɔbɔnefoɔ wuo ho;+ deɛ mepɛ ne sɛ ɔbɔnefoɔ bɛsesa n’akwan+ na wanya nkwa.+ Enti monsan, monsan mfiri mo akwammɔne so.+ O Israel fie, adɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ mowuwuo?”’+
12 “Na wo, onipa ba, ka kyerɛ wo man mma sɛ, ‘Sɛ ɔteneneeni te atua a, ne tenenee no rentumi nnye no.+ Na sɛ ɔbɔnefoɔ twe ne ho firi ne bɔne ho a, ne bɔne no remma no nhwe ase.+ Saa ara na da a ɔteneneeni bɛyɛ bɔne no, ne tenenee no rentumi nnye no nkwa.+ 13 Sɛ meka kyerɛ ɔteneneeni sɛ: “Wobɛnya nkwa,” na ɔde ne ho to ne tenenee so na ɔyɛ nneɛma bɔne*+ a, adetenenee a ɔyɛeɛ nyinaa wɔrenkae bio, na mmom ne bɔne nti, ɔbɛwu.+
14 “‘Na sɛ meka kyerɛ ɔbɔnefoɔ sɛ: “Owuo na wobɛwuo,” na ɔtwe ne ho firi ne bɔne ho na ɔdi asɛntenenee yɛ deɛ ɛtene,+ 15 na ɔbɔnefoɔ no de adeɛ a ne yɔnko de sii awowa san ma no,+ ɔtua deɛ wabɔ nkurɔfoɔ apoo agye,+ ɔdi ahyɛdeɛ a ɛma nkwa no so, na wanyɛ bɔne a, nkwa na ɔbɛnya,+ ɔrenwu. 16 Ne bɔne a wayɛ no, ɛho asodie biara renna ne so.*+ Ɛsiane sɛ wadi asɛntenenee ayɛ deɛ ɛtene nti, nkwa na ɔbɛnya.’+
17 “Wo manfoɔ deɛ, deɛ wɔka ne sɛ, ‘Yehowa akwan ntene.’ Nanso wɔn mmom na wɔn akwan ntene.
18 “Sɛ ɔteneneeni twe ne ho firi ne tenenee ho kɔyɛ nneɛma bɔne a, deɛ wayɛ nti ɔbɛwu.+ 19 Na sɛ ɔbɔnefoɔ twe ne ho firi ne kwammɔne so bɛdi asɛntenenee na ɔyɛ deɛ ɛtene a, deɛ wayɛ nti ɔbɛnya nkwa.+
20 “O Israel fie, moka sɛ, ‘Yehowa akwan ntene.’+ Mɛbu mo mu biara atɛn sɛdeɛ n’akwan teɛ.”
21 Afei berɛ a wɔtuu yɛn firii yɛn asaase so no, n’afe a ɛtɔ so 12, bosome a ɛtɔ so du no da a ɛtɔ so nnum no, ɔbarima bi a na wadwane afiri Yerusalem baa me nkyɛn+ bɛka kyerɛɛ me sɛ: “Wɔasɛe kuro no!”+
22 Ansa na ɔbarima a ɔdwaneeɛ no reba no, Yehowa honhom* baa me so anwummerɛ no, na ɔbuee m’ano ansa na ɔbarima no reba me nkyɛn anɔpa; m’ano bue maa metumi kasaeɛ.+
23 Afei Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 24 “Onipa ba, wɔn a wɔtete mmeaeɛ a asɛe yi+ reka Israel asaase ho asɛm sɛ, ‘Ná Abraham yɛ baakofoɔ nanso asaase no bɛyɛɛ ne dea.+ Yɛn deɛ, yɛdɔɔso; yɛn na wɔde asaase no ama yɛn sɛ yɛn agyapadeɛ.’
25 “Afei ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Modi mogya ka nam ho,+ moma mo ani so kyerɛ mo abosom fĩ,* na mohwie mogya gu.+ Enti ɛbɛyɛ dɛn na asaase no atumi ayɛ mo dea? 26 Mode mo ho ato mo sekan so,+ moyɛ akyiwadeɛ, na obiara gu ne yɔnko yere ho fĩ.+ Enti ɛbɛyɛ dɛn na asaase no atumi ayɛ mo dea?”’+
27 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mete ase yi, wɔn a wɔtete mmeaeɛ a asɛe no bɛwuwu sekan ano; na wɔn a wɔte wuram no, mɛma mmoa bɔne awe wɔn; wɔn a wɔtete abandenden ne abodan mu no, yareɛ bɛkunkum wɔn.+ 28 Mɛma asaase no asɛe pasaa+ na n’ahohoahoa no to bɛtwa, na Israel mmepɔ bɛdane amamfo,+ na obiara rentwam wɔ hɔ. 29 Sɛ akyiwadeɛ a wɔayɛ nyinaa nti,+ mesɛe asaase no pasaa ma no dane amamfo+ a, wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.”’
30 “Na wo, onipa ba, wo manfoɔ rekeka wo ho nsɛm wɔ afasuo ho ne afie apono ano.+ Obiara ka kyerɛ ne nua sɛ, ‘Mommra mmɛtie asɛm a ɛfiri Yehowa hɔ.’ 31 Wɔbɛboaboa wɔn ho ano abɛtenatena w’anim te sɛ me man; wɔbɛte wo nsɛm, nanso wɔrenni so.+ Wɔde wɔn ano dɛfɛdɛfɛ wo,* nanso wɔn akoma di mfaso bɔne akyi. 32 Hwɛ, wɔn ani so no, wote sɛ obi a ɔto ɔdɔ nnwom, obi a ne nne yɛ dɛ a ɔnim sankuo bɔ yie. Wɔbɛte wo nsɛm, nanso obiara remfa nyɛ adwuma. 33 Na sɛ ɛnya ba mu a—ba deɛ, ɛbɛba mu nso—wɔbɛhu sɛ odiyifoɔ bi tenaa wɔn mu.”+