Hesekiel
44 Ɔsan de me baa asɔrefie no ponkɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ fam no+ ho, nanso na wɔato mu.+ 2 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛpono yi, wɔato mu afebɔɔ. Wɔremmue, na ɔdasani biara remfa mu, ɛfiri sɛ Israel Nyankopɔn Yehowa afa mu,+ enti wɔato mu afebɔɔ. 3 Na ɔberempɔn no deɛ, ɔberempɔn a ɔyɛ nti, ɔbɛtena hɔ adidi* wɔ Yehowa anim.+ Na ɔbɛfa ponkɛseɛ no abrannaa kwan no so aba hɔ na wafa hɔ afiri adi.”+
4 Afei ɔde me faa ponkɛseɛ a ɛwɔ atifi fam no mu baa asɔrefie no anim. Berɛ a mehwɛeɛ no, mehuu sɛ Yehowa animuonyam ahyɛ Yehowa asɔrefie hɔ ma.+ Enti mede m’anim butuu fam.+ 5 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, Yehowa asɔrefie ho ahyɛdeɛ ne ɛho mmara a mereka akyerɛ wo yi, ma w’adwene mmra so yie,* fa w’ani hwɛ, na fa w’aso tie ne nyinaa. Ɛkwan a wɔfa so ba asɔrefie hɔ ne deɛ wɔfa so pue firi kronkronbea hɔ nyinaa, hwɛ no yie.+ 6 Ma Israel fie a wɔyɛ atuatefoɔ no aso nte sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “O Israel fie, mo akyiwadeɛ no adɔɔso. 7 Sɛ mode ahɔhoɔ a wɔntwaa wɔn akoma twetia na wɔntwaa twetia ɔhonam mu ba me kronkronbea hɔ a, wɔgu m’asɔrefie ho fĩ. Mode m’aduane,* sradeɛ ne mogya ba bɛbɔ afɔreɛ, berɛ a akyiwadeɛ a moyɛ nyinaa nti nkurɔfoɔ bu m’apam so. 8 Moanhwɛ me nneɛma kronkron so.+ Mmom no, mode kronkronbea hɔ nnwuma no ahyehyɛ nnipa foforɔ nsa.”’
9 “‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Ɔhɔhoɔ biara a ɔte Israel a ɔntwaa n’akoma twetia na ɔntwaa twetia ɔhonam mu no remma me kronkronbea hɔ.”’
10 “‘Na Lewifoɔ a wɔtwee wɔn ho firii me ho+ berɛ a Israelfoɔ firii m’akyi kɔdii wɔn abosom fĩ* akyi no bɛsoa wɔn bɔne. 11 Na wɔbɛsom wɔ me kronkronbea hɔ ahwɛ asɔrefie no aponkɛseɛ no so+ na wɔasom wɔ asɔrefie hɔ. Wɔbɛkum mmoa a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne afɔreɛ foforɔ ama ɔman no, na wɔbɛgyina wɔn anim asom wɔn. 12 Ɛsiane sɛ wɔsom ɔman no wɔ wɔn abosom fĩ no anim na wɔde suntidua too hɔ maa Israel fie yɛɛ bɔne nti,+ mama me nsa so atia wɔn, na wɔn bɔne ho nsunsuansoɔ bɛba wɔn tiri so,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 13 Wɔremma m’anim mmɛsom sɛ m’asɔfoɔ, na wɔremma me nneɛma a ɛyɛ kronkron anaa deɛ ɛyɛ kronkron paa no biara ho, na akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ nti, wɔbɛsoa wɔn animguaseɛ. 14 Nanso mɛma wɔahwɛ asɔrefie hɔ ayɛ emu som adwuma nyinaa ne biribiara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ hɔ.’+
15 “‘Na Sadok mma,+ Lewi asɔfoɔ a wɔhwɛɛ me kronkronbea hɔ berɛ a Israelfoɔ twee wɔn ho firii me ho+ no deɛ, wɔbɛba m’anim abɛsom me na wɔde sradeɛ ne mogya abɔ afɔreɛ ama me,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 16 ‘Wɔn na wɔbɛba me kronkronbea hɔ, na wɔbɛba me pono ho abɛsom me+ na wɔabɛyɛ nnwuma a mede ama wɔn no.+
17 “‘Sɛ wɔba mfimfini hɔ adihɔ no aponkɛseɛ ano a, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ nwera ataadeɛ.+ Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ biribiara a wɔde kuntu ayɛ berɛ a wɔresom wɔ mfimfini adihɔ no apono ano anaa berɛ a wɔawura mu no. 18 Ɛsɛ sɛ wɔde nwera abotire bɔ wɔn ti, na wɔhyɛ nwera nika* kata wɔn asene.+ Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ biribiara a ɛbɛma fifire ate wɔn. 19 Ansa na wɔbɛkɔ ɔmanfoɔ no mu wɔ akyire hɔ adihɔ hɔ no, wɔnyi wɔn ntaadeɛ a wɔde someeɛ no+ ngu adidibea kronkron no mu+ na wɔnhyɛ ntaadeɛ foforɔ, na wɔn ntaadeɛ no amma ɔmanfoɔ no anyɛ kronkron.* 20 Ɛnsɛ sɛ wɔwerɛ wɔn tiri ho,+ na ɛnsɛ sɛ wɔgya gu so kuhaa. Mmom ɛsɛ sɛ wɔtwitwa so. 21 Sɛ asɔfoɔ no kɔsom wɔ adihɔ a ɛwɔ mfimfini hɔ a, ɛnsɛ sɛ wɔnom nsã.*+ 22 Ɛnsɛ sɛ wɔware ɔbaa kunafoɔ anaa ɔbaa a ne kunu agyaa no;+ mmom wɔnware Israel fie baabunu anaa okunafoɔ a na ne kunu yɛ ɔsɔfoɔ.’+
23 “‘Wɔnkyerɛ me man nsonsonoeɛ a ɛda deɛ ɛyɛ kronkron ne deɛ ɛnyɛ kronkron ntam; na wɔmma wɔnhunu nsonsonoeɛ a ɛda deɛ ɛho teɛ ne deɛ ɛho nteɛ ntam.+ 24 Sɛ asɛm bi sɔre a, wɔntena so mmu atɛn;+ m’atemmusɛm so na wɔnnyina mmu atɛn.+ Wɔnni m’afahyɛ nyinaa ho mmara ne ahyɛdeɛ no so+ na wɔnyɛ me home nna kronkron. 25 Ɛnsɛ sɛ wɔkɔ ɔdasani biara funu ho, anyɛ saa a wɔn ho bɛgu fĩ. Nanso wɔn papa, wɔn maame, wɔn babarima, wɔn babaa, wɔn nuabarima, anaa wɔn nuabaa a ɔnwareeɛ deɛ, wɔbɛtumi ama wɔn funu agu wɔn ho fĩ.+ 26 Sɛ ɔsɔfoɔ dwira ne ho wie a, wɔnkan nnanson mma no. 27 Da a ɔbɛba abɛsom wɔ Kronkronbea hɔ, mfimfini hɔ adihɔ hɔ no, ɔmfa ne bɔne ho afɔrebɔdeɛ mmra,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
28 “‘Wɔn agyapadeɛ nie: Mene wɔn agyapadeɛ.+ Mommma wɔn kyɛfa biara wɔ Israel, ɛfiri sɛ mene wɔn kyɛfa. 29 Aduane afɔreɛ,+ bɔne ho afɔreɛ, ne afɔdie afɔreɛ no,+ wɔn na wɔbɛdie. Na biribiara a wɔahyira so wɔ Israel no bɛyɛ wɔn dea.+ 30 Aba nyinaa mu deɛ ɛbɛdi kan aso ne mo ntoboa nyinaa mu no, momfa deɛ ɛdi mu mma asɔfoɔ no.+ Momfa esiam a ɛdi kan mma ɔsɔfoɔ,+ na ama nhyira atena mo fie.+ 31 Ɛnsɛ sɛ asɔfoɔ we anomaa anaa aboa funu biara anaa aboa biara a wɔatete ne mu.’+